Mmebusɛm 5

Adwamammɔ ho kɔkɔbɔ

1 Me ba, tie me nyansa,

brɛ w’aso ase ma me nteaseɛ;

2 na woahwɛ adwempa so,

na w’ano akora nimdeɛ.

3 Na ɔbaa sansani ano kyi ɛwoɔ sosɔ,

na n’anomu yɛ toro sene ngo;

4 na n’akyiri yɛ nwono sɛ ɔnwono,

ɛyɛ nnam te sɛ nkrantɛ anofanu.

5 Ne nan siane kɔ owuo mu,

Asamando na n’anammɔn tutu korɔ.

6 Nkwa kwan deɛ, ɔnkɔ ara da,

n’anammɔn kyinkyini kɔ deɛ ɔnnim hɔ.

7 Na afei, me mma, montie me,

na monnyi mo ho mmfiri m’anomu nsɛm ho.

8 Ma wo kwan mfiri ne ho nkɔ akyiri,

na mmɛn ne fie pono ano;

9 na woamfa w’anidie amma ebinom,

ne wo mfeɛ amma otirimuɔdenfoɔ;

10 na ahɔhoɔ anni w’adeɛ ammee,

na w’adwumadeɛ antena obi hunu fie;

11 na wo nna a ɛdi akyire no, woampenepene,

sɛ wo nipadua ne wo honam asa,

12 na woanka sɛ: Ao, sɛ metanee atenetene,

na m’akoma kyirii animka nie!

13 na mantie m’akyerɛkyerɛfoɔ,

na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfoɔ!

14 Ɛkaa kumaa sɛ ɛsii me bɔne koraa,

asafo ne adwabɔ mu.

15 Nom w’abura mu nsuo

ne nsuo a ɛsene firi wo nsutire mu.

16 Wo nsuo aniwa bɛbu so afiri adi

ayɛ mmɔntene so asutene;

17 ɛbɛyɛ wo nko ara wo dea,

na ɛnyɛ wo ne ahɔhoɔ biara dea.

18 Ma w’abura nyɛ nhyira,

na wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ani nnye.

19 Na ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfo ne animuonyam wansane no.

Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa,

na tɔ ne dɔ mu ntintan daa nyinaa.

20 Me ba, adɛn na wotɔ ɔbaa nanani ho ntintan,

na wosɔ ɔbaa hɔhoɔ kokom?

21 Na onipa akwan da AWURADE anim

na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.

22 Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu,

na ne bɔne nhoma kye no.

23 Ɔkwati atenetene nti ɔbɛwu,

na n’agyegyentwisɛm dodoɔ nti ɔbɛyera.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty − 15 =