Mmebusɛm 7

Adwamammɔ ne ɛso aba

1 Me ba, di me nsɛm so,

na fa me mmara nsɛm sie.

2 Di me mmara nsɛm so na nya nkwa,

na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutuawisi.

3 Fa kyekyere wo nsateaa so,

twerɛ no w’akoma pono so.

4 Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabaa ne wo,

na frɛ nhunumu sɛ w’adamfo,

5 na ahwɛ wo so afiri ɔbaa sansani ho,

afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho

6 Na mefiri me dan mpomma mu,

m’aniahunuankansa mu mehwɛe;

7 na mehwɛɛ ntetekwaafoɔ mu,

mehunuu mmɔfra no mu aberantewaa bi a ɔnni tire,

8 ɔperee abɔntene bɛn ne ntwea,

na ɔsene faa ne fie kwan,

9 ɛberɛ a adeɛ resa, anwummerɛ,

anadwo kɔnkɔn ne sum mu.

10 Na hwɛ, ɔbaa bi hyiaa no,

ɔfira adwamamfoɔ ntoma, n’akoma asene.

11 Wagyigya na n’aso asoro,

ne nan ntena ne fie;

12 seesei ɔwɔ mmorɔno so, seesei yi ɔwɔ edwa so,

na ɔtetɛ ntwea nyinaa so.

13 Ɛnna ɔsɔɔ no mu, na ɔfee n’ano,

na ɔsenee n’ani ka kyerɛɛ no sɛ:

14 Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so,

ɛnnɛ na mama m’aboadeɛ;

15 enti na mefiri mebɛhyiaa woɔ yi,

mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu woɔ yi.

16 Mede mmomo makata me mpa so,

Misraim nkyeremu;

17 mede kurobo ne pɛprɛ ne duapapo

mapete me nnaeɛ so.

18 Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkɔsi anɔpa,

ma yɛmfa akɔnnɔdeɛ nsɛpɛ yɛn ho.

19 Na efiewura nni fie,

watu kwan kɔ akyirikyiri;

20 wafa fotoɔ ne sika akura,

srane korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie.

21 Ɔde bradɛ pii too no,

ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.

22 Ɔdii n’akyi awerɛfirem sɛ nantwie a wɔrekɔku no,

sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifoɔ aso,

23 kɔsii sɛ agyan hwiree ne mmerɛboɔ mu,

te sɛ anomaa de ahoɔherɛ kɔ fidie mu,

na ɔnnim sɛ ne nkwa na ɛda mu.

24 Na afei, me mma, montie me,

na monyɛ aso mma m’anomu nsɛm.

25 Mma w’akoma mmmane nnkɔ n’atempɔn so,

mfom nkɔ n’akwan so.

26 Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ,

na wɔn a wakuku wɔn dɔɔso;

27 ne fie ne Asamando kwan,

ɛsiane kɔ owuo mpia mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nineteen − 5 =