Mmebusɛm 6

Akagyinamdie ho kɔkɔbɔ

1 Me ba, sɛ wogyina wo yɔnko akyi,

sɛ wodi ɔhɔhoɔ agyinamu,

2 sɛ wɔnam w’anomu asɛm so

akye wo a,

3 yɛ yei mmom, me ba, na yi wo ho,

ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam;

kɔ kɔkoto, na srɛ wo yɔnko no.

4 Mma nna nnkɔ w’ani so,

na mma w’anisuatɛtɛ nntɔ nko.

5 Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam,

sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam.

Aniha ho kɔkɔbɔ

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn,

hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.

7 Ɔno na ɔnni otitire,

ɔpanin anaa sodifoɔ bie,

8 nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuberɛ,

na ɔboaboa n’adidideɛ ano twaberɛ mu.

9 Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofoɔ?

Berɛ bɛn na wobɛsɔreɛ afiri wo nna mu?

10 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a mɛpono mada kakra.

11 Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafoɔ,

ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurafoɔ.

Nsekuro ho kɔkɔbɔ

12 Onipa huhuo ne ɔbarima busuyɛfoɔ,

ɔde ano kontonkyi nenam,

13 ɔbubu n’ani, ɔde ne nan kasa,

ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,

14 akontonkyisɛm wɔ n’akomam,

ɔpam ne tirim apammɔne daa,

takrawɔgyam na ɔhyɛ.

15 Enti mpofirim na ne sɛeɛ bɛba,

wɔbɛbubu no amonom a wɔntumi nsa.

16 Adeɛ nsia yi na AWURADE tane,

aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,

17 ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma,

ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo;

18 akoma a ɛdwene mmusuo adwene,

nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu;

19 ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm,

ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam.

Awaresɛeɛ ho kɔkɔbɔ

20 Me ba, bu w’agya mmara nsɛm,

na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene.

21 Fa kyekyere w’akoma ho daa nyinaa,

na fa bebare wo kɔn ho hyia.

22 Wonam a, ma no nkɔgya wo,

woda a, ɛnhwɛ wo so,

na wonyane a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.

23 Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann,

na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,

24 na ahwɛ wo so afiri ɔbaa bɔne ho,

afiri ɔbaa hɔhoɔ tɛkyerɛma dɔkɔdɔkɔ ho.

25 Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam,

na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.

26 Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini,

na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no.

27 Onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom

a ne ntadeɛ renhyeɛ?

28 Obi bɛfa nsramma so

a ne nan renhyeɛ?

29 Saa na deɛ ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn teɛ,

na obiara a ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn no renni bem.

30 Sɛ ɛkɔm de owifoɔ na ɔwia adeɛ sɛ ɔredi amee a,

wɔmmu no animtia:

31 Nanso sɛ wɔhu no a, ɔbɔ ho mprɛnson,

ɔde n’afideɛ nyinaa bɛma.

32 Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti,

deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra.

33 Mmaa ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na n’ahohora no, wɔmpepa.

34 Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyeɛ,

na aweretɔ da no ɔremfa nkyɛ;

35 ɔremmu mpata biara,

na woma akyɛdeɛ dɔɔso mpo a, ɔrempene.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nineteen − ten =