Nnwom 10

Atɛn tenenee ho mpaebɔ

1 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri,

na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?

2 Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no,

wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.

3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho,

na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

4 Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho.

Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa.

W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri,

ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.

6 Ɔse no n’akomam sɛ: Merenhinhim da,

daa nyinaa merenhyia amaneɛ biara.

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma,

na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.

8 Ɔtetɛ nsumaeɛ mu,

ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam,

ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.

9 Ɔtɛ kokoam sɛ gyata wɔ ne bɔn mu,

ɔtɛ sɛ ne nsa bɛka mmɔborɔni

ne nsa ka mmɔborɔni no twe no ba n’afidie mu.

10 Ɔkoto, ɔdɛɛdɛɛ,

na awiɛmfoɔ akɔka ne nsa.

11 Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi,

ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.

12 Ao, AWURADE sɔre, ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so.

Mma wo werɛ mmfiri amanehunufoɔ.

13 Adɛn nti na ɔbɔnefoɔ yi Onyankopɔn ahi

ka no n’akomam sɛ: Worentwe m’aso?

14 Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,

sɛ wode bɛsie wo nsam.

Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ,

awisiaa boafoɔ ne wo ara.

15 Bubu abɔnefoɔ basa,

na di obusuyɛfoɔ bɔne akyi kɔsi sɛ worenhunu bio.

16 AWURADE ne hene daa daa,

amanaman ayera afiri n’asase so.

17 AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ,

woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so

18 sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm,

na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × five =