Nnwom 18

Nkonim dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ. Ɔkaa dwom yi nsɛm kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE gyee no n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no.

Ɔkaa sɛ:

1 Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.

2 AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ,

me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no,

me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.

3 Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ,

na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.

4 Owuo nhoma bebaree me ho,

na ɔsɛeɛ twi faa me so sɛ osuhweam.

5 Asamando nhoma twaa me ho kɔntɔnkrɔn,

owuo afidie bɛhyiaa me.

6 M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,

me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no.

Ɔtee me nne n’asɔrefie,

na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.

7 Ɛnna asase hinhimiiɛ na ɛwosoeɛ,

na mmepɔ nnyinasoɔ popoe, na ɛhinhimii,

ɛfiri sɛ na ne bo ahuru no.

8 Wisie tu firii ne hwenem,

na ogya a ɛhye adeɛ firii n’anomu,

nnyansramma dɛre firii ne mu.

9 Na ɔkuntunuu ɔsoro mu, na ɔsii fam,

na esum kabii wɔ ne nan ase.

10 Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui,

na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.

11 Ɔde sum kataa ne ho hyiae;

n’asasewa yɛ osuo a amuna kusuu.

12 Hann a ɛdi n’anim no

nnyansramma firi

ne mununkum no mu bae.

13 Na AWURADE boom ɔsoro,

na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne,

asukɔtweaa ne nnyansramma.

14 Na ɔtotoo n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee

ne asraman bebree de tanee wɔn ani.

15 Ɛnna ɛpo mu mmɔnka yiyii adie,

na wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ,

ɛfiri w’ateatea, AWURADE,

ne wo hwene mu home hahyeehahyee no.

16 Ɔtenee ne nsa firi soro bɛfaa me,

ɔtwee me firii nsuo pii mu.

17 Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ

ne wɔn a wɔkyiri me nsam,

ɛfiri sɛ wɔsene me ahoɔden.

18 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da no mu,

na AWURADE bɛyɛɛ me okyiritaafoɔ.

19 Na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ,

ɔgyee me, ɛfiri sɛ mesɔɔ n’ani.

20 AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ me nsa ho a afire no teɛ na ɔtuaa me ho ka.

21 Na manante AWURADE akwan so,

na menyɛɛ bɔne mennyaa me Nyankopɔn,

22 na mmom n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so,

na memfirii n’ahyɛdeɛ ho.

23 Na me ho nni asɛm wɔ n’anim,

na mehwɛɛ me ho so firii amumuyɛ ho.

24 Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee,

sɛdeɛ me nsa ho a afire wɔ n’ani soɔ no teɛ.

25 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu,

onipa a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no mudie soɔ.

26 Deɛ ɔte ne ho na wobɛte wo ho akyerɛ no,

na ɔkontonkyini deɛ, wokyinkyim wo ho kyerɛ no.

27 Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ,

na wobrɛ ahantanfoɔ ase.

28 Na wo na woma me kanea derɛ,

AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.

29 Na wo na mede wo meto mehyɛ ɛdɔm soɔ,

na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.

30 Na Onyankopɔn yi deɛ, ne kwan yɛ pɛpɛ,

AWURADE asɛm mu te,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.

31 Na hwan ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko,

na hwan na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?

32 Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ,

na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ.

33 Ɔyɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ,

na ɔde me gyina me sorɔnsorɔmmea so.

34 Ɔkyerɛ me nsa akodie,

na ɔma me basa kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.

35 Na woama me wo nkwagyeɛ kyɛm,

na wo nsa nifa sɔɔ me mu,

na wo mmoa maa meyɛɛ kɛseɛ.

36 Wotrɛɛ m’anammɔn mu m’ase,

na me nan anwatiri.

37 Metii m’atamfoɔ, na metoo wɔn,

na mansane de kɔsii sɛ mewiee wɔn kum.

38 Mebobɔɔ wɔn, na wɔantumi ansɔre,

wɔtotɔree me nan ase.

39 Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie,

wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase,

40 na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyiri kyerɛɛ me,

na wɔn a wɔkyiri me no, mesɛee wɔn.

41 Wɔsu frɛe a ɔgyefoɔ bi nni hɔ,

wɔfrɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.

42 Na mepɛkyɛɛ wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturo, mframa anim,

mesesaa wɔn meguu sɛ mmorɔno so dɔteɛ.

43 Woyii me nnipa aperedie mu, wode me sii amanaman so ti,

ɔman a mennim wɔn na ɛsom me.

44 Aso teeɛ ara pɛ, na wɔtiee me,

ananafoɔ brɛɛ wɔn ho ase maa me.

45 Ananafoɔ twintwamee,

na wɔde ahopopoɔ fifirii wɔn huntabea bae.

46 AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no.

Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma no so.

47 Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me,

na ɔde aman hyɛɛ m’aseɛ;

48 wagye me afiri m’atamfoɔ mu,

aane, woama me so afiri wɔn a wɔsɔre tiaa me no mu,

woagye me awerɛmfoɔ nsam.

49 Enti, AWURADE, mɛda wo ase amanaman mu,

na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,

50 sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ soɔ,

na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,

Dawid ne n’asefoɔ daa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

thirteen + 13 =