Nnwom 9

Nyankopɔn atemmuo ho aseda dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mut labben! sankuo nne so”. Dawid dwom.

1 Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase;

AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ.

2 Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu,

mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.

3 Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi,

wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.

4 Woatena atemmuo adwa so abu atɛn tenenee,

Woadi m’asɛm abu me bem.

5 Woateatea amanaman, woasɛe abɔnefoɔ,

woapepa wɔn din korakorakora.

6 Atamfoɔ awie sa adane daa amamfo,

na woama nkuro ase ahye,

na wɔn ho nkaeɛ ayera.

7 Na AWURADE deɛ, ɔte n’ahennwa so daa,

ɔde n’adwa asi hɔ rebu atɛn.

8 Ɔno na ɔbɛbu wiase atɛn tenenee mu,

na wadi aman asɛm tenenee mu.

9 AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no,

ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.

10 Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so,

ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.

11 Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion,

monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,

12 sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn,

na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.

13 AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amaneɛ a ɛfiri m’atamfoɔ,

wo a woma me so firi owuo aboboano,

14 na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ,

Sion babaa aponkɛseɛ mu,

na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.

15 Amanaman amemmem amena a wɔtuiɛ no mu,

afidie a wɔsum huntaeɛ no ayi wɔn nan.

16 AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn,

ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.

17 Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando,

amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.

18 Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani,

na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.

19 AWURADE, sɔre, mma ɔdasani nnni nim,

ma wɔmmu amanaman atɛn w’anim.

20 AWURADE, yi wɔn hu,

na amanaman nhunu sɛ wɔyɛ adasamma.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

ten + twelve =