Nnwom 17

Mmoa ho adesrɛ

Dawid mpaebɔ.

1 O AWURADE, tie asɛntenenee, wɛn w’aso ma m’abooboo,

yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.

2 Ma bembuo mfiri w’anim mmra,

ma w’ani nhwɛ adeɛ a ɛtene mu.

3 Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo,

na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee.

Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.

4 Nnipa nneyɛɛ fam, w’anomu asɛm no nti

masɔre me ho, awerɛmfoɔ akwan ho.

5 W’anammɔn no ara so na me kwan nam,

me nan anwati.

6 Ao, Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, na wobɛgye me so.

Yɛ aso ma me, tie me nsɛm.

7 Fa awanwa kwan so yi wo dɔ mapa adi kyerɛ,

wo a wogye wɔn a wɔhwehwɛ dwanekɔbea,

firi wɔn atamfoɔ nsam wɔ wo nifa.

8 Hwɛ me so sɛ ani kurutuawisi,

fa me hunta wo ntaban nwunu ase,

9 abɔnefoɔ a wɔfom me fa,

m’atamfoɔ atirimuɔdenfoɔ a wɔtwa me ho hyia no nti.

10 Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara,

wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.

11 Wɔtetɛ me, na afei wɔtwa me ho hyia,

wɔde wɔn ani akari me pɛ m’asehweɛ.

12 Wɔte sɛ gyata a wɔredɛɛdɛɛ apɛ adufudeɛ,

te sɛ gyata ba a ɔtɛ kokoam.

13 Ao, AWURADE, sɔre bɛsianka wɔn na brɛ wɔn ase,

fa w’afena gye me kra firi abɔnefoɔ nsam.

14 AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam,

nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ,

fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma;

ma wɔn mma nya no mmorosoɔ,

na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.

15 Me deɛ, mɛhwɛ w’anim tenenee mu,

menyane a, me ho bɛtɔ me sɛ mahu woɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

17 + 6 =