Nnwom 13

Nyankopɔn mmoa a ɛmma ntɛm no ho abooboo

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ.

1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa?

Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?

2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea,

na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam?

Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn,

te m’ani, na manna owuo nna,

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no,

na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.

5 Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so,

m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,

6 mɛto AWURADE dwom

sɛ ɔne me adi no yie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nine + 18 =