Mateo 4

Yesu sɔhwɛ

1 Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.

2 Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.

3 Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.

4 Na ɔbuaa sɛ:Wɔatwerɛ sɛ:

Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ,

na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.

5 Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi,

6 na ɔsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn ba no a, to wo ho twene fam; na wɔatwerɛ sɛ:

Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ,

na wɔabɛsoa wo wɔn nsam,

na woamfa wo nan ampem boɔ.

7 Yesu see no sɛ:Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!

8 Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam,

9 na ɔsee no sɛ: Sɛ wobɛkoto asɔre me a, anka mede yeinom nyinaa bɛma wo.

10 Ɛnna Yesu see no sɛ:Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ:

Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn,

na ɔno nko ara na som no.

11 Ɛnna ɔbonsam gyaa no hɔ, na hwɛ, abɔfoɔ ba bɛsomm no.

Yesu kɔ Galilea

12 Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔsii mu kɔɔ Galilea.

13 Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so,

14 na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ:

15 Sebulon asase ne Naftali asase,

ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea,

16 ɔman a wɔte sum mu no

hunuu hann kɛseɛ bi

na wɔn a wɔte owuo asase soɔ ne ne sunsum mu no,

hann bi apue ama wɔn.

17 Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ:Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.

Asuafoɔ baanan bi frɛ

18 Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ.

19 Na ɔsee wɔn sɛ:Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.

20 Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ, bɛdii n’akyi.

21 Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn.

22 Na ntɛm ara wɔgyaa kodoɔ no ne wɔn agya hɔ bɛdii n’akyi.

Galilea asɛnka ne ayaresa

23 Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.

24 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.

25 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

ten + nine =