Mateo 2

Anyansafoɔ no

1 Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem

2 bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.

3 Na Ɔhene Herode teeɛ no, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui;

4 na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristono.

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ:

6 Na wo Betlehem, Yuda asase,

wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa,

ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene

a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.

7 Ɛnna Herode frɛɛ anyansafoɔ no kokoam, bisaa wɔn berɛ ko a nsoromma no firiiɛ no yie.

8 Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abɔfra no yie; na sɛ monya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkoto no bi.

9 Na wɔtiee ɔhene asɛm no wieeɛ no, wɔsii mu kɔe; na hwɛ, nsoromma a wɔhunuu no Apueeɛ no dii wɔn anim ara de kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra no wɔ no atifi.

10 Na wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee kɛseɛ pa ara.

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.

12 Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.

Wɔdwane kɔ Misraim

13 Na wɔfiri hɔ kɔeɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na dwane kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛka makyerɛ woɔ; na Herode rebɛhwehwɛ abɔfra no aku no.

14 Na ɔsɔre faa abɔfra no ne ne na anadwo, na ɔfirii hɔ kɔɔ Misraim,

15 na ɔwɔ hɔ ara kɔsii sɛ Herode wuiɛ; na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afiri Misraim.

Wɔkunkum mmɔfra wɔ Betlehem

16 Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.

17 Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ:

18 Wɔtee nne bi Rama,

esu ne awerɛhoɔ kɛseɛ;

Rahel resu ne mma,

na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,

ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.

Wɔfiri Misraim sane ba

19 Na Herode wuiɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Yosef daeɛ mu wɔ Misraim

20 sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a na wɔhwehwɛ abɔfra no akum no no awu.

21 Na ɔsɔre faa abɔfra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so.

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam.

23 Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty + 17 =