Mateo 10

Asuafoɔ dummienu no yie

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

2 Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,

3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.

Asomafoɔ no adwuma

5 Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ:Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu,

6 na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn!

7 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn.

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!

9 Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔsoɔ mu,

10 monnhwehwɛ akwantuo bɔtɔ anaa ntadeɛ mmienu anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfoɔ sɛ ɔdidieɛ.

11 Na kuro anaa akuraa biara a mobɛhyɛne mu no, mommisa deɛ ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ.

12 Na mohyɛne efie bi mu a, monkyea emufoɔ no.

13 Na sɛ ɛfata efie no a, mo asomdwoeɛ mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoeɛ nsane mmra mo nkyɛn.

14 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.

15 Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.

Ɔtaa ho nkɔmhyɛ

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.

17 Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu.

18 Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.

19 Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.

20 Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom mo Agya Honhom no na ɔkasa mo mu.

21 Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofoɔ, na wɔama wɔakum wɔn.

22 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

23 Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.

24 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nsene ne wura.

25 Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?

26 Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.

27 Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.

28 Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.

29 Wɔntɔn mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu baako mpo nkwati mo Agya nhwe fam.

30 Na mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.

31 Enti monnsuro! Mosene mpatuprɛ bebree.

32 Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim;

33 na obiara a ɔbɛpa me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.

Ɔko di asomdwoeɛ anim

34 Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so; ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom nkrantɛ.

35 Na meba mebɛpaepaee mu na ɔbarima asɔre atia n’agya,

na ɔbabaa asɔre atia ne na,

na aseɛ asɔre atia n’asebaa;

36 na onipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfo.

37 Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,

38 na deɛ ɔmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔmfata me.

39 Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.

Asomafoɔ no tumi

40 Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.

41 Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua.

42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × 1 =