Mateo 6

Nneyɛɛ mu ahokyerɛ

1 Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.

2 Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

3 Na wo deɛ, woreyɛ adɔeɛ a, mma wo benkum nnhunu deɛ wo nifa reyɛ no;

4 na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Mpaebɔ mu ahokyerɛ

5 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

6 Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Mpaebɔ mu kasa tentene

7 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn!

8 Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo Agya nim nnoɔma a ɛhia mo ansa na moabisa no.

Awurade mpaebɔ

9 Enti mommɔ mpaeɛ sɛ:

Yɛn Agya a wowɔ soro,

Wo din ho nte,

10 W’ahennie mmra,

Deɛ wopɛ nyɛ wɔ

Asase so, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ ɔsoro.

11 Ma yɛn yɛn daa aduane nnɛ,

12 Na fa yɛn aka kyɛ yɛn,

sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,

# Na yi yɛn firi bɔne mu.

14 Na sɛ mode nnipa mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo soro Agya de mo deɛ bɛkyɛ mo nso.

15 Na sɛ moamfa nnipa mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.

Mmuadadie mu ahokyerɛ

16 Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

17 Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim,

18 na nnipa anhunu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Ɔsoro agyapadeɛ

19 Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia.

20 Na mmom monhyehyɛ agyapadeɛ ɔsoro, faako a nweweboaa ne nnaakyen nsɛe no, na awifoɔ mmubu nkɔwia;

21 na faako a w’agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.

Akoma mu hann

22 Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.

23 Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie.

24 Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.

Akyinnyegyeɛ a ɛde ahoyera ba

25 Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?

26 Monhwɛ wiem nnomaa sɛ wɔngu na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan soɔ, nanso mo soro Agya yɛne wɔn; na monsom boɔ nsene wɔn anaa?

27 Mo mu hwan na ɔdwennwene a, ɔbɛtumi de da koro ato ne nkwa nna soɔ?

28 Na adɛn na modwendwene ntoma ho? Monhwɛ wiram sukooko, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa,

29 nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu no wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako.

30 Na sɛ Onyankopɔn fira wiram ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, ɔrenyɛ deɛ ɛkyɛne yei mma mo, mo a mo gyidie sua?

31 Enti monnnwennwene sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛnom, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛfira?

32 Na yeinom nyinaa akyi na wiase amanaman no die. Na mo soro Agya nim sɛ yei nyinaa hia mo.

33 Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.

34 Enti monnnwennwene ɔkyena ho; na ɔkyena no ara bɛdwendwene ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

13 − seven =