Mateo 8

Ɔkwatani bi ahofire

1 Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi.

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

3 Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ:Mepɛ, wo ho mfi!Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.

4 Na Yesu see no sɛ:Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.

Akoa bi ayaresa

5 Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

6 sɛ: Owura, m’akoa da fie yare mmubuo, na ɔrehunu ayayadeɛ dodo.

7 Na ɔsee no sɛ:Mɛba mabɛsa no yadeɛ.

8 Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den.

9 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

10 Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.

11 Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;

12 na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

13 Na Yesu see asraafoɔ ɔha so panin no sɛ:Kɔ, na sɛdeɛ woagye adie no, ɛnyɛ hɔ mma wo!Na ɛdɔn no ara mu, n’abɔfra no ho sanee no.

Ayaresa ahodoɔ bebree

14 Na Yesu baa Petro fie no, ɔbɛhunuu n’asebaa sɛ ɔda hɔ yare yarefufuo.

15 Na ɔsɔɔ ne nsa, na yarefufuo no gyaa no, na ɔsɔre somm no.

16 Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yadeɛ.

17 Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa.

Yesu akyiridie

18 Na Yesu hunuu nkurɔfoɔ akuakuo pii wɔ ne ho no, ɔhyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ asuogya nohoa.

19 Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.

20 Na Yesu see no sɛ:Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.

21 Na asuafoɔ no mu ɔfoforɔ bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa.

22 Na Yesu see no sɛ:Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!

Ahum asebrɛ

23 Na ɔtenaa kodoɔ mu no, n’asuafoɔ no dii n’akyi.

24 Na hwɛ, ahum kɛseɛ bi tuu ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkyeɛ bu bɛkataa kodoɔ no so; na ɔno deɛ, na wada.

25 Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

26 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ?Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.

27 Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?

Ahonhommɔne

28 Na ɔduruu asuogya nohoa, Gadarenefoɔ asase soɔ no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn soɔ firi aboda mu bɛhyiaa no; wɔyɛ awerɛmfoɔ sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.

29 Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?

30 Na mprakokuo bebree bi redidi akyirikyiri.

31 Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wotu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuo yi mu.

32 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ!Na wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu po no mu wuwuu nsuo no mu.

33 Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no dwanedwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a na ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ no ho asɛm no.

34 Na hwɛ, kurom hɔfoɔ no nyinaa firii adi sɛ wɔrebɛhyia Yesu; na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ahyeɛ so hɔ nkɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × four =