Mateo 11

Osuboni Yohane ahoyera 1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu. 2 Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ 3 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan? 4 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkɔ, na […]

Mateo 12

Homeda sɛeɛ 1 Ɛberɛ no mu no, Yesu kɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfitii aseɛ pempanee mmɛtem no bi weeɛ. 2 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda. 3 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkenkann deɛ Dawid […]

Mateo 13

Ogufoɔ no ho bɛ 1 Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano. 2 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano. 3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ:Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba. 4 Na […]

Mateo 14

Osuboni Yohane wuo 1 Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka 2 na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi. 3 Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere […]

Mateo 15

Honhom mu ahoteɛ 1 Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ: 2 Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. 3 Na Yesu buaa wɔn sɛ:Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti, monni Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ? 4 Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di […]

Mateo 16

Ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi 1 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi. 2 Na ɔbua see wɔn sɛ:Ɛduru anwummerɛ a, mose: Ewiem bɛte ɛfiri sɛ ɔsoro abere. 3 Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu […]

Mateo 17

Yesu animuonyam hran 1 Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi. 2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann. 3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi […]

Mateo 18

Ahobrɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ 1 Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ ɔsoro ahennie no mu? 2 Na Yesu frɛɛ abɔfra bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini, 3 na ɔkaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu. […]

Mateo 19

Yesu firi Galilea 1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so, Yordan agya. 2 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ. Awaregyaeɛ ho asɛmmisa 3 Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara […]

Mateo 20

Bobe turo mu adwumayɛfoɔ 1 Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu. 2 Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu. 3 Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ […]