Mateo 7

Atɛnyie bɔne

1 Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn.

2 Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.

3 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu?

4 Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w’ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w’ani soɔ?

5 Nyaatwomni! Yi mpuna no firi w’ani so kane, ɛno ansa na wobɛhunu adeɛ yie, ayi duaa no afiri wo nua ani soɔ.

6 Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.

Adesrɛ

7 Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.

8 Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no.

9 Anaasɛ mo mu nipa bɛn na ɔwɔ hɔ, na sɛ ne ba bisa no paanoo a, ɔbɛma no ɛboɔ?

10 Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ?

11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ momma mo mma nnepa a, mprɛ ahe na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wɔbisa no?

12 Enti adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara; na yei ne mmara ne adiyifoɔ no.

Akwan ahodoɔ mmienu

13 Monhyɛne ɔpono teateaa no mu; na ɔpono a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛeɛ mu no, na wɔn a wɔhyɛne mu no dɔɔso.

14 Na ɔpono teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wɔhunu no sua.

Nhwɛsoɔ pa

15 Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.

16 Wɔn aba na mode bɛhu wɔn. Wɔtete bobe wɔ nkasɛɛ so, anaasɛ wɔtete borɔdɔma wɔ hwerɛmo so?

17 Saa ara na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne so aba bɔne.

18 Dua pa ntumi nso aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nso aba pa.

19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.

20 Enti wɔn aba na mode bɛhu wɔn.

Ɔsetie

21 Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?

23 Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene!

Ɔbotan ne anwea so adansie

24 Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.

25 Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; ɛfiri sɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so.

26 Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea soɔ no ho.

27 Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.

28 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne nkyerɛkyerɛ no maa nkurɔfoɔ akuakuo no ho dwirii wɔn,

29 ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × five =