Mateo 5

Bepɔ so asɛnka — Nhyirasɛm

1 Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn.

2 Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:

3 Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.

5 Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.

6 Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.

7 Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.

8 Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.

9 Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn mma.

10 Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

11 Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ.

12 Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.

Nkyene ne hann

13 Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛ yera a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu, na nnipa tiatia so.

14 Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta.

15 Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa.

16 Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.

Wammɛsɛe mmara no

17 Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifoɔ no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ mu ma.

18 Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

19 Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu.

20 Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne.

Abufuo ne awudie

21 Moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nni awu; na obiara a ɔbɛdi awuo no bɛdi atemmuo mu fɔ.

22 Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Rakano bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.

23 Enti sɛ wode w’ayɛyɛdeɛ ba afɔrebukyia ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm tia wo a,

24 gya w’ayɛyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kane, ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛdeɛ no.

25 Wo ne wo nkurobɔni wɔ kwan soɔ no, wo ne no mmom ntɛm; na da bi wo nkurobɔni no anyi wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no anyi wo anhyɛ ɔsomfoɔ nsa, na wɔamfa wo ankɔto afiase.

26 Nokorɛ mese wo sɛ, woremfiri hɔ gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyire no ansa.

Awaresɛeɛ

27 Moate sɛ wɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ!

28 Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.

29 Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.

30 Na sɛ wo nsa nifa to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene; na ɛyɛ ma wo sɛ wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.

Awadeɛ kronkronyɛ

31 Wɔkaa nso sɛ: Obiara a ɔbɛgyae ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.

32 Na me deɛ, mese mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbaa no asɛe awadeɛ; na obiara a ɔbɛware deɛ wɔagyaa no no nso asɛe awadeɛ.

Ɔkasa mu nokorɛdie

33 Bio, moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankadeɛ ma Awurade.

34 Na me deɛ, mese mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, ɛfiri sɛ ɛyɛ Nyankopɔn ahennwa.

35 Monnka asase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ. Monnka Yerusalem, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuro.

36 Nanso nka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ nwi baako fufuo anaa tuntum.

37 Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu.

Wɔbara aweretɔ

38 Moate sɛ wɔkaa sɛ: Ani nsi ani ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu.

39 Na me deɛ, mese mo sɛ, mo ne ɔbɔnefoɔ no nnni asie, na deɛ ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.

40 Na deɛ ɔpɛ sɛ ɔne wo di asɛm na ɔgye w’atadeɛ nhyɛaseɛ no, ma no mfa w’atadeɛ nkatasoɔ no nso.

41 Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wone no nnante kwansini baako no, ɛne no nkɔ mmienu.

42 Deɛ ɔsrɛ woɔ no, ma no; na deɛ ɔpɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ adeɛ no, nnane wo ho mfiri ne ho.

Dɔ w’atamfo

43 Moate sɛ wɔkaa sɛ: Dɔ wo yɔnko na tane wo tamfo.

44 Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no;

45 na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so.

46 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na monya? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa?

47 Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na na moayɛ aboro soɔ? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa?

48 Enti monyɛ pɛ, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro yɛ pɛ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eight − eight =