Hiob 4

Elifas asɛnka a ɛdi kan.

Onyankopɔn ntwe deɛ ɔdi bem aso

1 Ɛnna Temanni Elifas bua see sɛ:

2 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a,

ɛbɛyɛ wo ahomete anaa?

Nanso mpo twa ara na ɛtwa sɛ ɔka?

3 Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree,

na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;

4 wo nsɛm ama deɛ ɔrebɛhwe ase agyina,

na nankoroma a ahodwo no, wɔahyɛ no den.

5 Na afei ɛtoo woɔ yi, woagyigya,

ɛkaa woɔ yi, woabɔ nnyinnyen.

6 Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ,

na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa?

7 Kae ɛ, hwan na ɔnyɛɛ bɔne biara na wɔasɛe no pɛn,

anaa ɛhe na wɔapepa ateneneefoɔ pɛn?

8 Manya nhunui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumuyɛ

na wɔgu mmusuo no, ɛno ara na wɔtwa.

9 Nyankopɔn home sɛe wɔn,

na wɔhye, n’abufuo mframa ano.

10 Wote sɛ gyata mmobɔmu ne ɔsebɔ nne a ɛgyae,

na gyataburuwa sebɔmmɔfoɔ tutu no.

11 Ɛno na hanam bɛbɔ ɛserɛ-mu-sɛe ama no awu,

na gyatabereɛ mma abɔ pete.

12 Na me deɛ, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn,

na m’aso tee ɛho asomusɛm bi.

13 Ɔdadwene a ɛfiri anadwo adehunu mu mu,

berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ no,

14 ehu ne ahopopoɔ kaa me,

na ɛmaa me nnompe nyinaa wosoe.

15 Na honhom bi twaa mu faa m’ani so,

me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae,

16 ɛgyinae,

nanso manhunu ne su,

suban bi gyinagyina m’ani so,

metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:

17 Ɔdasani tene sene Onyankopɔn,

anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ?

18 Hwɛ, ne nkoa mpo, ɔmfa ne ho nto wɔn so,

na n’abɔfoɔ no, ɔbu wɔn sɛ wɔtɔ mu;

19 na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu,

na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu,

na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.

20 Ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ na wɔaposa wɔn;

wɔyera korakora a obi nnwene ho.

21 Sɛ wɔtete wɔn ho ntomadan homa a,

ɛnyɛ wuo na wɔwuo a wɔanhunu nyansa biara?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 + 20 =