Hiob 41

1 Wobɛtumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano, na wode homa akyekyere ne tɛkyerɛma anaa? 2 Wode kaa bɛhyɛ ne hwenem, na wode nkɔtɔkorɔ ahwire n’afono mu? 3 Ɔbɛkoto asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo? 4 Ɔne wo bɛpam apam sɛ fa no yɛ akoa daa? 5 Wo ne no bɛgoro sɛ anomaa, na […]

Hiob 42

Onyankopɔn ma Hiob so bio 1 Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ: 2 Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan. 3 Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ, na ɔhono afotuo ani yi? Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim. 4 Tie ɛ, na menkasa. Mɛbisa […]