Hiob 7

Nkwa afono Hiob

1 Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ

na ne nna te sɛ ɔpaani nna?

2 Sɛ akoa pere onwunu ho

ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,

3 saa ara na wɔama madi abosome hunu,

na wɔabu ɔhaw anadwo ama me.

4 Sɛ mekɔda a, meka sɛ:

Da bɛn na mɛsɔreɛ na anadwo atwam akorɔ?

Ɔdafatwa fono me kɔsi ahemadakye.

5 Me honam fira mmoaa ne dɔteɛ abon,

me wedeɛ ayɛ twann, na ɛrefiri nsuo.

6 Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa,

na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ.

7 Kae sɛ me nkwa yɛ mframa,

m’ani rensane nhunu papa.

8 Deɛ ɔhu me ani renhu me bio,

w’ani tua me, nso na menni hɔ.

9 Sɛdeɛ mununkum sa na ɛkorɔ no,

saa ara na deɛ ɔsiane kɔ Asamando no remforo mma bio.

10 Ɔrensane mma ne fie bio,

na ne tenabea renhu no bio.

11 Enti me nso meremmua m’ano,

mɛkasa me honhom ahohiahia mu,

mɛsi apini m’awerɛhoɔ mu.

12 Meyɛ ɛpo anaa asuo mu bɔpɔn,

na ɛma wode awɛmfoɔ sisi me ho yi?

13 Sɛ mese: Me mpa bɛkyekyere me werɛ,

na me daberɛ bɛdwodwo m’apinisie no a,

14 ɛnneɛ wode daeɛso hyɛ me yea,

na anisoadehunu mu na woma mebɔ binim.

15 Na ɛma me kra yi menebɔ ne owuo mmom

sene me nnompe yi.

16 Afono me, merentena ase daa.

Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.

17 Ɔdasani ne hwan a wobu no ɔkɛseɛ,

na wodwene ne ho?

18 Na wohwɛ no daa anɔpa,

na wotaa sɔ no hwɛ ara?

19 Worenyi w’ani mfiri me so de rekɔsi da bɛn?

Wonnya me kwan na memmene me ntasuo mpo?

20 Mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, nnipa hwɛfoɔ,

adɛn na wode me ayɛ w’adeɛ

a wo ne no anya na madane adesoa ama me ho yi?

21 Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ,

na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ?

Na afei mɛda mfuturo mu,

na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twelve − 2 =