Hiob 9

Hiob mmuaeɛ. Obi ntumi ne Otumfoɔ nni asie

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Ampa ara, menim sɛ ɛte saa,

na ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn?

3 Sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no yiyi ano a,

ɔntumi mmua no apem mu baako mpo.

4 Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no,

hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie?

5 Ɔtutu mmepɔ mpatuo mu,

ɔbutu no n’abufuo mu.

6 Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ,

na ne nnyinasoɔ popo.

7 Ɔhyɛ owia, na ɛmpue;

na ɔsosɔ nsoromma ano.

8 Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu,

na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;

9 ɔyɛ Nsorommason, Nwenwenente ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma

ne anafoɔ fam mpiakyire.

10 Ɔyɛ ade akɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu

ne anwanwadeɛ a wɔntumi nkan.

11 Hwɛ, ɔnam me ho, nso menhu no,

ɔsene, nso menhu no.

12 Hwɛ, ɔhwim kɔ, hwan na ɔbɛsane no?

Hwan na ɔbɛbisa no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

13 Onyankopɔn rensianka n’abufuo,

Rahab aboafoɔ brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase.

14 Na nkantom sɛ me na mɛbua no,

anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu, na me ne no ayiyie.

15 Ɔno na sɛ metene mpo a, meremmua no,

mɛkoto no sɛ me temmufoɔ.

16 Sɛ mefrɛ na ɔgye me so a,

merennye menni sɛ wayɛ aso ama me nne.

17 Ɔno a ɔde ahum posa me,

na ɔma m’akuro dɔɔso kwa no,

18 ɔmma mennya ahomegyeɛ,

na ɔde awerɛhoɔ hyɛ me ma tɔ.

19 Sɛ wɔdi no ɔhoɔdenfoɔ tumi so a, anka: Ɔnnie!

Na sɛ atemmuo nso a, anka: Hwan na ɔbɛsane no?

20 Sɛ metene mpo a, anka m’ano bɛbu me fɔ,

na medi mu mpo a, ɔbɛma makyea.

21 Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho;

me nkwa afono me.

22 Ne nyinaa yɛ bafua; enti na mese:

Deɛ ɔdi mu ne ɔbɔnefoɔ nyinaa na ɔsɛe wɔn.

23 Sɛ atoyerɛnkyɛm kum obi mpofirim a,

ɔseresere wɔn a wɔdi bem amaneɛ.

24 Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa,

ɔkata n’atemmufoɔ ani.

Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan a?

25 Na me nna ho yɛ hare sene mmirikatuni;

ɛdwane kɔ, ɛnhunu adepa biara.

26 Ɛsene kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn,

sɛ ɔkɔdeɛ a ɔsi aduane soɔ.

27 Sɛ mese: Me werɛ bɛfiri m’apinisie,

mɛgyae mosooyɛ na mate m’anim a,

28 me yea nyinaa yɛ me hu,

ɛfiri sɛ mehunu sɛ woremmu me bem.

29 Na sɛ wɔbɛbu me fɔ a,

adɛn nti na memmrɛ nguo?

30 Sɛ medware sukyerɛmma nsuo

na mede dɔw mehohoro me nsa a,

31 ɛno nso wode me bɛto amena mu,

na me ho ayɛ me ntadeɛ mpo nwunu.

32 Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no,

na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro.

33 Nso ntamgyinafoɔ bi nni yɛn ntam a

ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu soɔ.

34 Ma no nyi n’abaa mfiri me so,

na ne ho hu ankuta me.

35 Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no,

nanso mentumi nyɛ saa wɔ me ara m’afam.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 3 =