Hiob 6

Hiob su n’awerɛhoɔ, na ɔkasa tia ne nnamfo no denyɛ

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 O, sɛ anka wɔrekari m’awerɛhoɔ,

na wɔde me yea nso agu nsania mu susu ɛ!

3 Ɛno deɛ anka ɛbɛsene mpoano anwea duru,

enti na me nsɛm ayɛ hatuhatu yi,

4 na Otumfoɔ agyan tuatua me mu,

me honhom renom emu borɔ,

Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.

5 Ɔtorɔmo nya ɛserɛ mono a, ɔteateam?

Anaa ɔnantwie su n’aduane ho?

6 Wɔdi aduane hunu a nkyene nni mu?

Ɛdɛ bi wɔ kosua mu fufuo mu?

7 Adeɛ a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no,

ɛno ara na ayɛ me aduane a ɛyɛ me nwunu.

8 O, sɛ anka merenya m’abisadeɛ,

na Onyankopɔn ama me m’anigyinadeɛ no ɛ!

9 Sɛ Onyankopɔn pene na ɔpɛkyɛ me,

na ɔgya ne nsa kwan na ɛtwa me ɛ!

10 Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekyerɛ ara na madi ahurisie,

ɛyea a ɛnni adɔna me soɔ no mu,

ɛfiri sɛ mensane Ɔkronkronni no nsɛm no!

11 M’ahoɔden ne deɛn, sɛ mede bɛtɔ me bo aseɛ,

na m’awieeɛ ne deɛn, sɛ me kra bɛkyɛre ho?

12 M’ahoɔden yɛ aboɔ ahoɔden,

me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ?

13 Ɛnyɛ mmoa bi na ɛnni me mu,

na wɔatu ahoɔden afiri me ho?

14 Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ;

anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro.

15 Me nuanom twa nkontompo sɛ asusɔsuwa,

sɛ subonhwa a emu nsuwansuwa resene korɔ.

16 Nsukyeneeɛ nti ani fono,

sukyerɛmma hyɛne mu hunta.

17 Sɛ hyehyeɛ ka no a, ɛtwitwa,

ahuhuro mu ɛyera firi n’afa.

18 N’akwantemfoɔ no kwan kontonkonton,

ɛdane huruhuro kɔ soro na ɛyera.

19 Tema akwantemfoɔ asafo no hwɛe,

Seba anantefoɔ ani daa so,

20 wɔn ani wuu sɛ wɔde wɔn ani too soɔ,

wɔkɔduruu ho, na wɔn anim guu ase.

21 Na afei saa ara na mo nso moteɛ,

moahunu m’amanehunu yi, moannya tema biara amma me.

22 Maka sɛ mommrɛ me biribi,

na me nti momfa mo adeɛ bi nkyɛ,

23 na monyi me ɔhohiahiafoɔ nsam,

na monnye me mfiri nhyɛsofoɔ nsam anaa?

24 Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm,

na deɛ mafom wɔ mu no, momma menhunu.

25 Sɛdeɛ atɛntenenee si yɛ den fa!

Na mo atɛnyie yi deɛ, animka bɛn na ɛwɔ mu?

26 Nsɛm ho animka na modwene?

Ɔwerɛhoni deɛ, ne nsɛm yɛ mframa.

27 Awisiaa so mpo moretwe ntonto,

na mo yɔnko tiri nso moredi ano.

28 Na afei mompɛ ani pa nhwɛ me,

na merenni torɔ mo anim ha.

29 Mompɛ mu bio ɛ, na mommmu ntɛnkyea;

na monsane mpɛ mu, na m’asɛm wom ara.

30 Deɛ ɛntene bi wɔ me tɛkyerɛma so,

anaasɛ me dodom nhunu abusudeɛ?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

9 − 8 =