Hiob 8

Bildad asɛnka a ɛdi kan.

Ahonu de ahotɔ ba

1 Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ:

2 Ɛnkɔsi berɛ bɛn na wobɛka yeinom,

na w’anomu nsɛm bɛyɛ sɛ mframa denden yi?

3 Onyankopɔn bɛkyea atemmuo

anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee?

4 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a,

wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam.

5 Sɛ wo ara wohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,

na wokoto srɛ Otumfoɔ no,

6 sɛ wo ho te na wotene a,

ampa ara ɔbɛkanyan ne ho ama wo,

na wama wo tenenee tenabea no adi yie.

7 Na sɛ mpo wo mfitiaseɛ yɛ ketewa a,

w’awieeɛ bɛso kokuroo.

8 Mesrɛ wo, bisa awoɔ ntoatoasoɔ ɛ,

na ma w’akoma mmra deɛ wɔn agyanom ahwehwɛ ahunu no so.

9 Na yɛn deɛ, nnora nko ara na yɛfiri hɔnom,

na yɛnnim hwee, ɛfiri sɛ yɛn nna te sɛ sunsum asase so.

10 Ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ woɔ anaa,

na wɔayiyi nsɛm afiri wɔn akoma mu?

11 Nkyɛkyerɛ fifiri deɛ ɔwora nnie, anaasɛ

mmɛwa bɛma ne ho so deɛ nsuo nnie?

12 Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wɔntwaeɛ no,

ɛdi wura nyinaa anim kusa.

13 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ,

na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera,

14 ɛfiri sɛ wɔtwa deɛ ɔde ne ho to soɔ,

na n’anidasoɔ yɛ ananse ntentan.

15 Ɔtwere ne dan, na ɛrennyina,

ɔkura mu, nso ɛrentena hɔ.

16 Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano,

na ne mman yiyi kata ne turo so,

17 ne nhini mantammantam aboɔkuo ho,

ɔhyɛne aboɔ ntam.

18 Sɛ wɔsɛe no firi ne tenabea a,

ɛpa no ka sɛ: Menhunuu wo da.

19 Hwɛ, sɛdeɛ ne kwan ho ahosɛpɛ teɛ ne no,

na mfuturo no mu na afoforɔ fifire.

20 Hwɛ, Onyankopɔn mpo deɛ ɔdi mu,

na abɔnefoɔ nso, ɔnsɔ wɔn nsa.

21 Ɔde sereɛ bɛhyɛ w’anomu ma,

na wama ahurisie nne afa w’anofafa mu.

22 W’atamfo bɛfira aniwuo,

na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × 2 =