Hiob 11

Sofar asɛnka a ɛdi kan. Ɛsɛ Hiob sɛ ɔbrɛ ne ho ase Nyankopɔn anim 1 Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ: 2 Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi, anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa? 3 Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano? Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa? 4 Na woaka […]

Hiob 12

Hiob ma mmuaeɛ 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Yoo! Mone ɔman no nne, na mowu a, nyansa bɛwu. 3 Me nso, mewɔ nteaseɛ sɛ mo ara, me deɛ, mentɔ mu mo anim. Na hwan na ɔnnim nnoɔma a ɛte sɛɛ yi? 4 Deɛ ne yɔnko sere no ne me, deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn […]

Hiob 13

Hiob bɔ ne nnamfo Nyankopɔn tenenee ho kɔkɔ 1 Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ; 2 deɛ monim no, me nso menim. Mentɔ mu wɔ mo mu. 3 Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano. 4 Na […]

Hiob 14

Hiob di onipa mmɔborɔyɛ ho abooboo 1 Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma. 2 Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa. Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔnnyina. 3 Na yei so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmuo mu w’anim? 4 Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum […]

Hiob 15

Elifas ka Hiob anim, na ɔkyerɛ abɔnefoɔ mmusuo 1 Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ: 2 Onyansafoɔ de nimdeɛ huuhuu bɛbua, na ɔde apueeɛ mframa ahyɛ n’afuru ma anaa? 3 Ɔde nsɛm a ɛmfra bɛyi atɛn ne nsɛnkeka a mfasoɔ nni mu anaa? 4 Nso woto nyamesuro twene, na wosi Nyankopɔn anim nsusuiɛ ho kwan. 5 […]

Hiob 16

Hiob su frɛ Onyankopɔn 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree; mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ. 3 Nsɛnhuuhuu yi awieeɛ nie? Anaasɛ ɛdeɛn na ɛhwanyan wo ma wobua? 4 Sɛ mo wɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na […]

Hiob 17

1 M’ahome asa, me nna ahi, damena na ɛwɔ hɔ ma me. 2 Ampa ara ahiyifoɔ na wɔne me wɔ hɔ, na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ. 3 Si awowa ɛ, di me agyinamu wo ara w’anim. Hwan na ɔbɛgyina m’akyire? 4 Na wode nimdeɛ ahunta wɔn akoma, enti woremma wɔn so. 5 Deɛ ɔpa ne […]

Hiob 18

Bildad kasa sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe 1 Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ: 2 Mobɛkɔ nsɛnkeka so akɔsi da bɛn? Monnwene ho, na ɛno akyiri no, yɛakasa. 3 Adɛn na wɔbu yɛn sɛ anantwie, na yɛyɛ mo ani so sɛ tibɔnkɔso anaa? 4 Wo a wotete wo ho w’abufuo mu. Wo nti na wɔbɛgya asase, na wɔatu […]

Hiob 19

Hiob nim sɛ Onyankopɔn bɛgye no 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Mobɛha me kra akɔsi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa? 3 Mprɛdu nie a moasopa me, mo ani nwu mpo sɛ moho me werɛ? 4 Na mpo, sɛ ampa sɛ mafom a, me so na mfomsoɔ no da. 5 Sɛ […]

Hiob 20

Sofar kasa sɛ: Abɔnefoɔ yiedie nkyɛ 1 Ɛnna Naamani Sofar buaa sɛ: 2 Me ho pere me nti, m’adwene yɛ me sɛ memmua. 3 Mate atenetene a asopa me, nanso honhom firi me nhunumu mu bua me. 4 Wonnim yei a ɛfiri tete, ɛfirii sɛ wɔde nnipa sii asase soɔ no, 5 sɛ abɔnefoɔ ahurisidie […]