Daniel 9

Daniel di ma ne nkurɔfoɔ

1 Akas-weros ba Dario a n’ase firi Media a ɔdii Kaldeafoɔ ahemman so hene no afe a ɛdi kan

2 a ɔbɛdii hene mu no, na me, Daniel, meredwendwen AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirinhyia aduɔson awie duru, Yerusalem amamfo soɔ no ho.

3 Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ.

4 Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpaeɛ na mepaee mu mekaa sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ,

5 yɛayɛ bɔne afom adi abɔnefosɛm ate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.

6 Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.

7 Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a wɔn fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so,

8 AWURADE, yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua,

10 na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnante ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so de sii yɛn anim no mu;

11 na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.

12 Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn atemmufoɔ a wɔbuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛseɛ a ebi mmaa wiase nyinaa pɛn sɛdeɛ ɛbaa Yerusalem no baa yɛn soɔ;

13 sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsane afiri yɛn amumuyɛ ho, na yɛatie wo nokorɛ.

14 Yei na AWURADE atwɛn na berɛ a ɛsɛ mu no, ɔde atoyerɛnkyɛm aba yɛn soɔ; na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ tenenee, ne nneyɛɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa mu, na yɛantie ne nne.

15 Na afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Misraim asase soɔ de agye din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne.

16 Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.

17 Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, AWURADE nti.

18 Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’ani na hwɛ yɛn amamfo ne kuro a wɔabɔ wo din wɔ soɔ no, na ɛnyɛ yɛn tenenee so na yɛde yɛn nkotosrɛ reba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebree ntira,

19 Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man.

Gabriel kyerɛ nkɔmhyɛ no ase

20 Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron,

21 na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, Ɔbɔfoɔ Gabriel a mehunuu no anisoadehunu mu akane no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu.

22 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔne me kasaa sɛ: Daniel, afei mafiri aba sɛ merebɛma woanya nhunumu.

23 Wo nkotosrɛ mfitiaseɛ mu no, asɛm firi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wɔdɔ wo sɛ; enti te asɛm no ase, na hunu adehunu no mu.

24 Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron.

25 Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ.

26 Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.

27 Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eight + fourteen =