Daniel 1

1 Yudahene Yehoiakim afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babelhene Nebukadnessar baa Yerusalem, na ɔbɛto hyɛɛ wɔn so.

2 Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafoɔ hene Aspenas, sɛ ɔmfa Israel mu, ahemfo asefoɔ ne mmapɔmma no mu,

4 mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa.

5 Na ɔhene yii wɔn ahennuane no bi, da biara ne ne deɛ, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔntete wɔn mfeɛ mmiɛnsa; na ɛno akyi wɔmmɛsom ɔhene.

6 Na wɔn mu bi a wɔfiri Yudafoɔ mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;

7 na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.

8 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa asomfoɔ panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.

10 Na asomfoɔ panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Mesuro, ɛfiri sɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduane ne mo anonneɛ no bɛhunu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sene mo atipɛnfoɔ mmerantewaa no deɛ, na moama me tiri ato, ɔhene anim.

11 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a asomfoɔ panin no de no asi Daniel, Hanania, Misael ne Asaria soɔ no sɛ:

12 Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afuomduane nni ne nsuo nnom,

13 na wode w’ani ahwɛ yɛn ne mmerantewaa a wɔdi ahennuane no anim, na sɛdeɛ wobɛhunu no, wo ne wo nkoa adi.

14 Ɛnna ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no soɔ, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ dadu.

15 Na dadu no wiee duro no, wɔhunuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sene mmerantewaa a wɔdi ahennuane no nyinaa.

16 Ɛnna ɔsomfoɔ no yii wɔn aduane pa ne nsa a wɔbɛnom no, na ɔmaa wɔn afuomduane.

17 Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.

18 Na berɛ a ɔhene kaa sɛ wɔmfa wɔn mmra no duruiɛ no, asomfoɔ panin no de wɔn baa Nebukadnessar anim.

19 Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhunu wɔn nyinaa mu deɛ ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wɔde wɔn kaa ɔhene apamfoɔ no ho.

20 Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu.

21 Na Daniel tenaa hɔ kɔduruu Ɔhene Kores afe a ɛdi kan so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three − one =