Daniel 6

1 Na Mediani Dario faa ahennie no, na wadi mfeɛ aduosia mmienu.

Amradofoɔ no bo fu wɔ Daniel abasobɔ ho

2 Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahemfo ɔha aduonu bɛsisi n’ahennie no soɔ, sɛ wɔnni ahemman no nyinaa so

3 ne wɔn so aberempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu baako, sɛ amantam ahemfo no mmu akonta nkyerɛ wɔn, na ɔhene adeɛ ammɔ no.

4 Na Daniel yi kyɛnee aberempɔn ne amantam ahemfo no, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛne soɔ wɔ ne mu. Na ɔhene no yɛɛ sɛ ɔde no bɛsi ahemman no nyinaa so.

5 Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bie, ahennie no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, na wɔnhunu ne ho mfomsoɔ anaa bɔne biara.

6 Ɛnna mmarima no kaa sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yɛhunu bi ne Nyankopɔn mmara ho.

7 Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no kɔtoaa ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene Dario nnya nkwa daa!

8 Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.

9 Enti ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wɔnkurukyire atwerɛ a wɔrensakyera, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ no.

10 Yei nti Ɔhene Dario maa wɔkurukyiree atwerɛ ne ɛmom no.

Daniel kɔ so ara bɔ mpaeɛ

11 Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotoo ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.

12 Ɛnna mmarima yi bɛtoaa Daniel na wɔhunuu no sɛ ɔrebisa adeɛ koto srɛ Nyankopɔn anim.

13 Ɛnna wɔtwe pinii bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm ɔhene anim sɛ: Woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu? Ɔhene buaa sɛ: Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ.

14 Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Daniel a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛ adeɛ da koro mprɛnsa.

15 Ɛnna ɔhene tee asɛm no no, ɛyɛɛ no ya kɛse, na ɔsuaee ne tirim Daniel ho, sɛ ɔbɛgye no, na ɔbɔɔ mmɔden ara kɔsii owiatɔberɛ sɛ ɔbɛgye no.

16 Ɛnna mmarima no bɛtoaa ɔhene na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene, hunu sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ ɛmom ne ahyɛdeɛ biara a ɔhene ahyɛ no, wɔnnane ani.

Wɔde Daniel to gyata amena mu

17 Ɛnna ɔhene ka maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa daa no, ɔno na ɔnnye woɔ.

18 Na wɔde ɔboɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberempɔn mpɛtea sɔɔ ano, na wɔansakyera Daniel ho adeɛ biara.

19 Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na ɔdii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa n’anigyedeɛ amma n’anim, na n’ani soroe.

20 Ɛnna ɔhene sɔree ahemadakye a anim teteeɛ no, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano.

21 Na ɔbɛn amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaa mu frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no anomu anaa?

22 Ɛnna Daniel ne ɔhene no kasaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!

23 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama no abɛmuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, ɛsiane sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne biara.

24 Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Na wɔyii Daniel firii amena no mu baa soro, na wɔanhunu biribiara a ɛtii no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.

25 Na ɔhene ka maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.

Ɔhene no gyidie paemu ka

26 Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso.

27 Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a medi so tumi nyinaa mu wɔmfɛre na wɔnsuro Daniel Nyankopɔn anim,

na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte aseɛ

na ɔgyina hɔ daa,

na n’ahennie yɛ deɛ ɛnsɛe da,

na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi aseɛ.

28 Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ,

na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ,

ɔno na ɔyii Daniel

agyata nsam.

29 Na Daniel yi dii yie Dario ahennie ase ne Persiani Kores ahennie ase.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

thirteen + one =