Daniel 5

Belsasar apontoɔ

1 Ɔhene Belsasar too n’aberempɔn a wɔyɛ nnipa apem ɛpono kɛseɛ, na wɔnomm nsa, wɔn anim.

2 Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu.

3 Ɛnna wɔde sika ne dwetɛ nnwinneɛ a wɔkɔfa firii Nyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu.

4 Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.

5 Dɔn no mu ara na onipa nsateaa firi ba bɛtwerɛɛ ahennan no fasuo akaadoo soɔ, kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛtwerɛeɛ no ano.

6 Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.

7 Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi.

8 Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ.

9 Ɛnna Ɔhene Belsasar ho yeraa no kɛse, na n’anim danee, na n’aberempɔn no tirim yɛɛ wɔn keserenee.

10 Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti ɔhemmaa baa apontoɔ dan no mu. Ɔhemmaa no kaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnha wo na w’anim nnnane.

11 Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin.

12 W’agya hunuu wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu honhom a ɛkyɛne soɔ ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ daeɛ aseɛ kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ sane apɔ mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ aseɛ,

13 ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no?

14 Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahunu wo mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛne soɔ.

15 Na afei wɔde anyansafoɔ ne pɛadeahunufoɔ aba m’anim, sɛ wɔmmɛkenkan atwerɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ; nso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.

16 Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase na wosane apɔ; na sɛ wotumi kenkan atwerɛ no kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ de sika atweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.

17 Ɛno na Daniel bua see ɔhene sɛ: Ma w’ayɛyɛdeɛ ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛdeɛ ma obi foforɔ, nanso mɛkenkan atwerɛ no makyerɛ ɔhene, na mama no ahunu ne nkyerɛaseɛ.

18 Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,

19 na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.

20 Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho;

21 na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.

22 Na wo, ne ba Belsasar, wonim yei nyinaa deɛ, nanso woammrɛ w’akoma ase;

23 na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.

24 Ɛno nti ɔno na ɔmaa nsa no firi bɛtwerɛɛ nkurukyireeɛ yi.

25 Na atwerɛ a wɔakurukyire no nie: MENE, MENE, TEKEL PARSIN.

26 Asɛm no nkyerɛaseɛ nie: MENE, Onyankopɔn akan w’ahennie, na wabɔ no;

27 TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahu wo sɛ wonnu;

28 PERES,wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.

29 Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.

30 Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty + nineteen =