Daniel 4

Nebukadnessar daeɛso a ɛtɔ so mmienu

1 Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu;

2 na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.

3 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafoɔ mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.

4 Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.

5 Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no:

6 Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.

7 Na m’anisoadeɛ a mehunuu no me mpa soɔ no nie:

Mehunuu dua bi sɛ ɛsi asase mfimfini,

a ɛware tenteenten.

8 Dua no nyini yɛɛ kɛseɛ na ɛyɛɛ den,

na ne tentene kɔduruu soro,

na wɔhunu no asase so baabiara;

9 ɛso ahahan yɛ fɛ,

na ɛso aba dɔɔso,

na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa,

wiram mmoa tete ne nwunu ase,

na ewiem nnomaa sisi ne mman so,

na abɔdeɛ nyinaa didi ho.

10 Mehunuu wɔ m’anisoadeɛ wɔ me mpa soɔ no mu sɛ, ɔwɛmfoɔ kronkron bi firi soro durui.

11 Ɔteaa mu denden na ɔkaa sɛ:

Mommu dua no ntwitwa ne mman.

Mompore n’ahahan mpansam n’aba;

mmoa nnwane mfiri aseɛ,

na nnomaa mfiri ne mman so.

12 Nanso monnya ne dunsini asase mu,

dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu,

petee so wira mu,

na ɔsoro bosuo mfɔ no,

na ɔne mmoa

nni asase so ahahan.

13 N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio,

na wɔmma no aboa adwene

na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

14 Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam,

na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie,

deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ:

Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi,

na ɔde ma obiara a ɔpɛ,

na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.

15 Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi.

Daniel kyerɛ daeɛ no ase

16 Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfoɔ ho.

17 Dua a wohunuiɛ a ɛso na ɛyɛ den a ne tentene kɔpem soro na wɔhu no asase nyinaa soɔ,

18 na n’ahahan yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wiram mmoa tete aseɛ na ewiem nnomaa sisi ne mman soɔ no,

19 ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.

20 Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ:

21 Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na ɔsorosoroni asotwe a ɛbɛba me wura ɔhene soɔ nie:

22 Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

23 Na sɛdeɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini no, sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, w’ahennie bɛgyina ama wo.

24 Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.

Daeɛso no ba mu

25 Yeinom nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so.

26 Abosome dummienu wiee duro no, da bi na ɔnenam Babel ahennie aban so;

27 ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?

28 Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.

29 Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.

30 Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnessar ho, na wɔpamm no firii nnipa mu, na ɔwee ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, de kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne bɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.

Nebukadnessar tontom AWURADE

31 Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me,

na mehyiraa Ɔsorosoroni no,

na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ,

sɛ ne tumi yɛ daa tumi

na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;

32 na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee,

na ɔde ɔsoro asafo

ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ,

na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene

na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

33 Ɛberɛ no mu ara na m’adwene sane baa me mu, na deɛ ɛbɛyɛ na m’ahennie agye din bio nti, m’animuonyam ne me haran sane baa me so, na m’agyinatufoɔ ne m’aberempɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na wɔde tumi a ɛsene kane deɛ no maa me.

34 Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ,

sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ,

na n’akwan yɛ atɛntenenee,

na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no,

ɔtumi brɛ wɔn ase.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fourteen − eight =