Daniel 11

Ɔbɔfoɔ no abakɔsɛm ho nkɔmhyɛ 1 Na me deɛ, Mediani Dario afe a ɛdi kan mu no megyinaa sɛ meresɔ ne mu na mahyɛ no den. 2 Na afei na merekyerɛ wo nokorɛ no: Hwɛ, ahemfo baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na deɛ ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ kɛse asene wɔn nyinaa, na […]

Daniel 12

1 Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no. […]

Daniel 13

Susana ne Daniel atemmuo 1 Na ɔbarima bi te Babel a wɔfrɛ no Yoakim. 2 Ɔwaree Hilkia babaa a wɔfrɛ no Susana, ɔbaa hoɔfɛni a ɔsuro Awurade. 3 N’awofoɔ yɛ nnipa a wɔtene, na wɔatete wɔn babaa no wɔ Mose mmara kwan so. 4 Na Yoakim yɛ ɔdefoɔ, a ɔwɔ turo fɛfɛ bi a ɛtoa […]

Daniel 14

Daniel ne Bel akɔmfoɔ no 1 Ɛberɛ a Ɔhene Asteyages tii ne nananom wɔ asamando no, Persiani Kores dii n’ahennie no so. 2 Na Daniel yɛ ɔhene no yɔnko, a wɔdi no ni kyɛne ne nnamfonom nyinaa. 3 Na Babelfoɔ wɔ ohoni bi a wɔfrɛ no Bel, na da biara wɔde esiam pa susukoraa dummienu, […]