Daniel 10

Ɔbɔfoɔ no ahoyie

1 Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu.

2 Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe mmiɛnsa;

3 manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.

4 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so aduonu nnan no, na mewɔ asu kɛseɛ Hidekel a ɛne Tigris ano.

5 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfira nwera na Ufas sika bɔ n’asene nie;

6 na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.

7 Na me, Daniel, nko na mehunuu anisoadeɛ no, na mmarima a ɛka me ho no anhunu adeɛ no, nanso ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔdwane kɔhuntae.

8 Na ɛkaa me nko ara na mehunuu anisoadeɛ kɛseɛ yi, na ahoɔden biara anka me mu, na m’ahoɔfɛ dane yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

9 Na metee ne nsɛm nne; na metee ne nsɛm nne no, na mehwee ase daa nnahɔɔ, na m’anim butuu fam.

10 Na hwɛ, nsa bi bɛkaa me nyanee me maa meweaweaa me nankoroma ne me nsa so.

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ woɔ yi, na gyina wo nan so, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopoɔ megyinaa hɔ.

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.

13 Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me nnawɔtwe mmiɛnsa, na hwɛ, Mikael a ɔyɛ abɔfoɔ atitire no mu baako, ba bɛboaa me, na metenaa hɔ wɔ Persia ahemfo no nkyɛn.

14 Na maba sɛ merebɛma woate deɛ ɛbɛyɛ wo man, nna a ɛdi akyire no mu. Na nna no ho anisoadehunu da so wɔ hɔ.

15 Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim mesii fam, na metɔree mum.

16 Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma nsɛsoɔ kaa m’anofafa, na mebuee m’ano mekasa ka kyerɛɛ deɛ ɔgyinaa m’anim no sɛ: Owura, anisoadehunu no mu maboto ahima, na ahoɔden biara nni me mu;

17 na ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa yi bɛtumi ne me wura yi akasa? Ɛfiri sɛ, afei deɛ ahoɔden biara nni me mu, na home biara nso nni me mu.

18 Na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ sane bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den;

19 na ɔse: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoeɛ nka wo, yɛ den! Yɛ den! Na ɔne me kasaeɛ no, mehyɛɛ me ho den, na mese: Ma me wura nkasa, ɛfiri sɛ woahyɛ me den.

20a Na ɔse: Wonim deɛ enti a mebaa wo nkyɛn?

21a Nanso merekyerɛ wo deɛ wɔakurukyire no nokorɛ nwoma mu,

20b Na afei na mɛsane me ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebɛfiri makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba,

21b na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina asɔ me mu atia yeinom gye Mikael.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 5 =