2 Korintofoɔ 12

Anisoadehunu ne mmerɛyɛ

1 Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.

2 Menim onipa bi wɔ Kristo mu a, mfeɛ dunan ni, wɔhwimm no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, mennim, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim saa nipa no.

3 Na menim saa nipa no sɛ,) wɔhwimm no kɔɔ Paradise, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim,)

4 na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka.

5 Saa nipa no fam na mɛhoahoa me ho, na me ara me fam deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ mu.

6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ kwasea, na mɛka nokorɛ; nanso mama no aka, na obi ammu me ankyɛne deɛ ɔhu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte firi m’anomu.

7 Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.

8 Yei nti mesrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ ɛmfiri me so;

9 na ɔsee me sɛ: M’adom dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu. Enti mede anigyeɛ pii mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.

10 Kristo nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, animtiabuo mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometeɛ mu; ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛnna me ho yɛ den.

Ɔsomafoɔ bi adansedie nwoma

11 Mayɛ kwasea! Mo na moahyɛ me. Na me deɛ anka ɛsɛ sɛ moyi me ayɛ, ɛfiri sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛne me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo.

12 Ɔsomafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ no deɛ, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu.

13 Na ɛdeɛn mu na motɔɔ sini a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo deɛ, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me!

Sra a ɔbɛkɔ akɔsra Korintofoɔ

14 Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; ɛfiri sɛ menhwehwɛ mo hɔ biribiara, na mmom mo ara. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ adeɛ sie ma awofoɔ, na mmom awofoɔ na wɔpɛ adeɛ sie ma mma.

15 Na me deɛ, mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama wɔahwere me ama mo kra. Na sɛ medɔ mo ma no boro so saa a, ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ mo dɔ sua sene me deɛ?

16 Na ɛwɔ mu sɛ manyɛ mo so adesoa deɛ, nanso meyɛ onitefoɔ nti, mayi mo wɔ aniteɛ mu.

Paulo ne Tito dɔ

17 Menam wɔn a mesomaa wɔn wɔ mo nkyɛn no bi so mebɛsisii mo anaa?

18 Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito bɛsisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom korɔ no ara mu na yɛnanteeɛ, anaasɛ anammɔn korɔ no ara mu?

Ɔtemmufoɔ kɛseɛ no

19 Ɛyɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ho ano akyerɛ mo anaa? Nyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, yei nyinaa yɛka ma mo nkɔsoɔ.

20 Na mesuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ; ebia ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, ahantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;

21 sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodoɔ a wɔayɛ bɔne na wɔnsakyeraa wɔn adwene, wɔn fi ne adwamammɔ ne ahohwisɛm a wɔdiiɛ no ho.

2 Korintofoɔ 13

Sɔhwɛ ho asotwe

1 Mprɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm biara bɛgyina.

2 Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kane no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seesei a menni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ meyɛeɛ berɛ a mebaa hɔ ne mprenu soɔ no, sɛ meba bio a, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn.

3 Ɛfiri sɛ mohwehwɛ Kristo a ɔkasa me mu no ho adansedie, ɔno na ɔnyɛ mmerɛ wɔ mo fam, na mmom ɔwɔ mo mu tumi.

4 Na mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu deɛ, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛ wɔ ne mu deɛ, nanso yɛn ne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase wɔ mo fam.

Hwɛ wo ho yie adeɛ baako a ɛhia ho

5 Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa? Mommisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ monnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Gye sɛ mommfata deɛ.

6 Na m’ani da so sɛ mobɛhunu sɛ yɛn deɛ, yɛnyɛ nnipa a wɔmfata.

7 Nanso yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wɔbɛhu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ deɛ ɛyɛ fɛ, na yɛn deɛ yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata.

8 Na yɛntumi nyɛ hwee ntia nokorɛ no, na mmom deɛ yɛtumi yɛ no, yɛyɛ ma nokorɛ.

9 Na sɛ yɛyɛ mmerɛ, na mo deɛ, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yɛbɔ mpaeɛ.

10 Yei nti na, menni mo nkyɛn yi, meretwerɛ yei mabrɛ mo, na sɛ meba a, mene mo anni no denden, sɛdeɛ tumi a Awurade de ama me sɛ ɛmma nkɔsoɔ na ɛnyɛ ɔsɛeɛ no teɛ no.

Awieeɛ

11 Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.

12 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.

13 Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo.

14 Awurade Yesu Kristo adom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.

1 Korintofoɔ 1

Nkyea

1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene

2 de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;

3 adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

4 Nyankopɔn adom a wɔde adom mo wɔ Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho,

5 sɛ nnoɔma nyinaa mu, moanya mo ho wɔ ne mu, asɛnka ne nimdeɛ nyinaa mu

6 sɛdeɛ Kristo adanseɛ no atim mo mu

7 amma adom akyɛdeɛ biara ammɔ mo, berɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyie no;

8 ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.

9 Onyankopɔn a wɔnam ne so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.

Mpaepaemu a ɛwɔ Asafo no mu

10 Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.

11 Na me nuanom, Kloe fiefoɔ abɛyi me mo ho asotire sɛ, aperepereɛ wɔ mo mu.

12 Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kefa afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kristo afa.

13 Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu anaa?

14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu gye Krispo ne Gaio,

15 na obi anka sɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ mankasa me din mu.

16 (Ɛhee, afei nso mebɔɔ Stefana fiefoɔ asu; na nkaeɛ no deɛ, sɛ mebɔɔ obi asu a, mennim.)

17 Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ kwa.

Kristo yɛ Onyankopɔn Nyansa ne ne Tumi

18 Na asɛnnua no ho asɛm yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi.

19 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ:

Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,

na mɛma animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa.

20 Onyansafoɔ wɔ he? Ɔtwerɛfoɔ wɔ he? Wiase kyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn nnanee wiase yi nyansa nkwaseasɛm anaa?

21 Na wiase amfa nyansa so anhunu Onyankopɔn wɔ Nyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa.

22 Ɛfiri sɛ Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnneɛ, na Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa;

23 na yɛn deɛ, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm; ɔyɛ suntidua ma Yudafoɔ, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufoɔ.

24 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, saa Kristo yi yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.

25 Ɛfiri sɛ Nyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛne nnipa, na Nyankopɔn mmerɛyɛ yɛ den sene nnipa.

26 Na, anuanom, mpo monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafoɔ bebree, ɛnyɛ atumfoɔ bebree, ɛnyɛ adehyeɛ bebree na wɔafrɛ wɔn,

27 na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo.

28 Na wiase nnoɔma a ɛmfra ne deɛ wɔmmuo na Onyankopɔn ahwɛ mu ayie, ne deɛ ɛnni hɔ, sɛ ɔde bɛtu deɛ ɛwɔ hɔ,

29 na honam biara anhoahoa ne ho n’anim.

30 Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.

31 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Awurade mu.

1 Korintofoɔ 2

Kristo a wɔbɔɔ no asennua mu no

1 Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ mammɛka Nyankopɔn adansesɛm no.

2 Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.

3 Na me deɛ, mmerɛyɛ ne ehu ne ahopopoɔ bebree mu na me ne mo tenaeɛ.

4 Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu,

5 na mo gyidie annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Nyankopɔn tumi so.

Nyankopɔn nokorɛ nyansa no

6 Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ,

7 na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ.

8 Deɛ wiase yi atumfoɔ mu biara anhunu, na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔammɔ animuonyam Wura no asɛnnua mu,

9 na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Deɛ ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ

na ɛmmaa onipa akoma mu da ne

nnoɔma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.

10 Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.

11 Na nnipa mu hwan na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ara honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Nyankopɔn honhom.

12 Na yɛn deɛ, ɛnyɛ wiase honhom na yɛnyaeɛ, na mmom honhom a ɔfiri Nyankopɔn mu, na yɛahunu deɛ Onyankopɔn de adom yɛn kwa no.

13 Nso deɛ yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom deɛ Honhom no kyerɛkyerɛ na yɛde honhom adeɛ to honhom adeɛ ho.

14 Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.

15 Na onipa a ɔwɔ honhom mu no deɛ, ɔbu adeɛ nyinaa atɛn, na ɔno deɛ obiara mmu no atɛn.

16 Na hwan na wahunu Awurade adwene

a ɔbɛkyerɛkyerɛ no?

Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.

1 Korintofoɔ 3

Mpaepaemu a ɛwɔ Korinto Asafo no mu

1 Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, sɛ Kristo mu nkɔkoaa.

2 Nufoɔ na mede memaa monomeeɛ na nyɛ aduane, ɛfiri sɛ na montumi nnye, na seesei ara mpo, montumi.

3 Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. Na ɛberɛ a ahoɔyea ne aperepereɛ wɔ mo mu yi, monyɛ honam mufoɔ, na ɛnyɛ nnipasɛm na moredi yi anaa?

4 Na sɛ obi se: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa a, na monyɛ honam mufoɔ anaa?

5 Na Apolo ne hwan? Paulo ne hwan? Wɔyɛ asomfoɔ a monam wɔn so agye adie, na wɔn mu biara wɔ deɛ Awurade de ama no.

6 Me deɛ, meduae, Apolo guguu so nsuo, nanso Onyankopɔn na ɔmaa no nyiniiɛ.

7 Enti ɛnyɛ deɛ ɔdua, na ɛnyɛ deɛ ɔgugu so nsuo na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma no nyini no a.

8 Na deɛ ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo yɛ baako, na wɔn mu biara bɛnya n’akatua sɛdeɛ ɔno ara n’adwuma teɛ.

9 Na yɛyɛ Nyankopɔn adwumayɛfoɔ, a yɛne no bom yɛ adwuma; moyɛ Nyankopɔn afuo, Nyankopɔn dan.

10 Nyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifoɔ nyansafoɔ, na obi to so; na obiara a ɔto soɔ no nhwɛ sɛdeɛ ɔto so fa.

11 Na fapem foforɔ deɛ, obiara rentumi nto nka deɛ ɛhyɛ hɔ dada a, ɛne Yesu Kristo no ho.

12 Nanso sɛ obi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, ɛserɛ, aburoodua to fapem yi so a,

13 obiara adwuma bɛda adi, na Ɛda no bɛyi no adi, ɛfiri sɛ ogya mu na ɛbɛda adie, na sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no ogya no bɛsɔ ahwɛ;

14 sɛ obi adwuma a wato asi soɔ gyina a, ɔbɛnya akatua.

15 Sɛ obi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ; ɔno ara deɛ wɔbɛgye no nkwa, nanso ɛte sɛ deɛ ɛnam ogya mu.

16 Monnim sɛ moyɛ Nyankopɔn asɔredan na Nyankopɔn honhom te mo mu anaa?

17 Sɛ obi sɛe Nyankopɔn asɔredan a, sɛeɛ na Onyankopɔn bɛsɛe no; ɛfiri sɛ Nyankopɔn asɔredan ho te, na ɛne mo ara.

18 Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obiara susu sɛ ɔyɛ onyansafoɔ mo mu, wiase a, ma no nyɛ kwasea na wayɛ onyansafoɔ.

19 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Nyankopɔn anim; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu.

20 Na bio:

Awurade nim anyansafoɔ nsusuiɛ

sɛ ɛyɛ nsusuiɛ hunu.

21 Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nnoɔma nyinaa wɔ mo,

22 Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owuo oo, ɛnnɛ deɛ oo, daakye oo, nnoɔma nyinaa wɔ mo,

23 na mo nso mowɔ Kristo, na Kristo nso wɔ Onyankopɔn.

1 Korintofoɔ 4

Kristo Asomafoɔ

1 Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahuntasɛm so ahwɛfoɔ.

2 Na afei, deɛ wɔhwehwɛ firi efiehwɛfoɔ hɔ ne sɛ obiara bɛhunu sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.

3 Na me deɛ, ɛyɛ me adeɛ ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn, nso memmu me ho atɛn.

4 Ɛfiri sɛ me deɛ menhunu biribiara wɔ me ho, nanso ɛnyɛ yei ho na medi bem; na deɛ ɔbu me atɛn ne Awurade.

5 Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.

6 Na anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ morennwene ntra deɛ wɔatwerɛ no, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asie.

7 Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?

8 Moawie mee dada, aane moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ modii ahene ampa a, anka ɛyɛ, na yɛn nso yɛne mo adi bi.

9 Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafoɔ adi akyire sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owuo, ɛfiri sɛ yɛayɛ ahwɛdeɛ ama wiase ne abɔfoɔ ne nnipa.

10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, na mo deɛ, moyɛ anyansafoɔ, Kristo mu; yɛyɛ mmerɛ, na mo deɛ, mo ho yɛ den. Mo deɛ, moyɛ animuonyamfoɔ, na yɛn deɛ yɛyɛ ahohorafoɔ.

11 Ɛde bɛsi dɔn yi mu, ɛkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagya, na wɔhwe yɛn, na yɛnni baabi te,

12 na yɛbrɛ de yɛn ara yɛn nsa yɛ adwuma. Wɔya yɛn a, yɛhyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so,

13 wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de bɛsi nnɛ.

Agya afotuo

14 Mentwerɛ yei memmɛgu mo anim ase, na mmom mede rebɛtu mo fo sɛ me mma adɔfo.

15 Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu wɔ Kristo mu mpo a, monni agyanom bebree; na me na menam asɛmpa no so mewoo mo Kristo Yesu mu.

16 Enti metu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me.

17 Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa.

18 Na ebinom rehoahoa wɔn ho sɛdeɛ meremma mo nkyɛn.

19 Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabɛhunu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm a.

20 Na Onyankopɔn ahennie nni kasa ara kɛkɛ mu, na mmom tumi mu.

21 Deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa mmra mo so, anaa ɔdɔ ne ɔdwoɔ honhom?

1 Korintofoɔ 5

Abrabɔ bɔne a ada adi wɔ asafo no mu

1 Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da.

2 Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anho amma wɔanyi deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ no amfiri mo mu.

3 Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ.

4 Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a,

5 momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na honam no nsɛe, na ebia wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.

6 Mo ahohoahoa no nyɛ fɛ. Monnim sɛ mmɔreka kakra na ɛka mmɔre no nyinaa?

7 Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso.

8 Enti momma yɛnhyɛ fa; ɛnyɛ mmɔreka dada no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumuyɛ mmɔreka mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokorɛ apiti mu.

Wɔammu Paulo kɔkɔbɔ

9 Metwerɛɛ wɔ me krataa no mu sɛ mo ne adwamammɔfoɔ nnni afra.

10 Ɛnyɛ wiase adwamamfoɔ anaa aniberefoɔ ne amimfoɔ anaa abosonsomfoɔ ho asɛm koraa na mereka; ɛnneɛ na anka ɛsɛ sɛ mofiri wiase fire.

11 Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.

12 Na ɛfa me ho bɛn na merebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bie? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mobu wɔn atɛn?

13 Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Monyi deɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.

1 Korintofoɔ 6

Wiasefoɔ anim asɛnnie

1 Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔnsi ne bo nkɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔntene anim, na ɛnyɛ ahotefoɔ anim anaa?

2 Monnim sɛ ahotefoɔ na wɔbɛbu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mobɛbu wiase atɛn a, ɛmfata mo sɛ modi nsɛm nketewa anaa?

3 Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Na kampɛsɛ asetena yi mu nnoɔma?

4 Na sɛ mowɔ asetena yi mu nnoɔma ho nsɛm a, wɔn a wɔmmu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ badwafoɔ?

5 Meka yei mehyɛ mo aniwuo. Onyansafoɔ baako mpo nni mo mu a ɔbɛtumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?

6 Adɛn na onua de onua kɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔnnye nnie anim yi?

7 Mfomsoɔ anya aba mo mu sɛ mone mo ho mo ho wowɔ nsɛmnsɛm. Adɛn na mommma wɔnni mo amim mmom? Adɛn na mommma wɔnsisi mo mmom?

8 Mo mmom na modi amim na mosisie, na mode yɛ anuanom mpo.

9 Anaasɛ monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Nyankopɔn ahennie no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmarima ahohwifoɔ, mmarima a wɔne mmarima da,

10 awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no.

11 Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.

Fa wo nipadua hyɛ Onyankopɔn animuonyam

12 Mewɔ nnoɔma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ; mewɔ nnoɔma nyinaa ho kwan, nanso memma biribiara nhyɛ me so.

13 Aduane yɛ yafunu dea, na yafunu nso yɛ aduane dea; na Onyankopɔn bɛma ne mmienu ayɛ kwa. Na nipadua nyɛ adwamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.

14 Na Onyankopɔn anyane Awurade, na ɔnam ne tumi so bɛnyane yɛn bi.

15 Monnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ no odwamamfoɔ akwaa? Ɛmpare me!

16 Anaasɛ monnim sɛ deɛ ɔde ne ho bɔ odwamamfoɔ ho no, na ɔne no ayɛ nipadua baako anaa? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ honam baako.

17 Na deɛ ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom baako.

18 Monnwane adwamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ nni nipadua mu, na deɛ ɔbɔ adwaman no deɛ, ɔyɛ ɔno ara ne nipadua bɔne.

19 Anaasɛ monnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a monya firii Nyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?

20 Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu.

1 Korintofoɔ 7

Deɛ Ɔsomafoɔ no susu wɔ awadeɛ ho

1 Na ɛfa deɛ motwerɛeɛ no ho, sɛ: Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbaa.

2 Anka ɛyɛ deɛ, nanso adwamammɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere, na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu.

3 Okunu mma ɔyere deɛ ɛsɛ na ɔyere nso mma okunu saa ara.

4 Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.

5 Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ ɛberɛ kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasane ahyia mu bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛ so ansɔ mo anhwɛ.

6 Na yei deɛ meka no ɔkwanma fam na ɛnyɛ ɔhyɛ so.

7 Na mepɛ sɛ anka nnipa nyinaa yɛ te sɛdeɛ meteɛ yi; nanso obiara wɔ ɔno ara n’adom akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn, obi deɛ te sei, obi nso deɛ yɛ adeɛ foforɔ.

8 Na meka mekyerɛ asugyafoɔ ne akunafoɔ sɛ, ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔtena hɔ sɛ me;

9 na sɛ wɔntumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na ɛyɛ sɛ wɔbɛwareɛ sene sɛ wɔbɛnya akɔnnɔ bɔne.

10 Na wɔn a wɔawareɛ no deɛ, mehyɛ wɔn, ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Awurade, sɛ ɔbaa nnnyae ne kunu,

11 (na sɛ ɔgyae no a, ɔnnware bio; anyɛ saa a, ɔnsane ne ne kunu nkɔbɔ mu); na mma okunu nso nnnyae ne yere.

12 Na wɔn a aka no, me na meka mekyerɛɛ wɔn na ɛnyɛ Awurade, sɛ onua bi wɔ yere a ɔnnye nnie, na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no tena a, ɔnnnyae no.

13 Na sɛ ɔbaa bi nso wɔ kunu a ɔnnye nnie, na ɔbarima no pene sɛ ɔne no tena a, ɔnnnyae no.

14 Na okunu a ɔnnye nnie no ho ate wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a ɔnnye nnie no ho ate okunu no mu; anyɛ saa deɛ a, na mo mma ho wɔ fi; na afei deɛ wɔn ho ate.

15 Na deɛ ɔnnye nnie no pɛ sɛ ɔgyae kɔ a, ma no nkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuabaa ko no so, sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoeɛ mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn.

16 Na ɔyere, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo kunu nkwa? Anaasɛ, okunu, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo yere nkwa?

Ɛsɛ obiara sɛ ɔpene n’asetena soɔ

17 Na sɛdeɛ Awurade akyɛ ama obiara ne sɛdeɛ Onyankopɔn afrɛ no no, saa ara na ɔmmɔ ne bra; na sɛdeɛ mehyehyɛ no asafo nyinaa mu ne no.

18 Wɔfrɛɛ obi na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma no nnnane momonotoni. Wɔfrɛ obi na ɔyɛ momonotoni anaa? Mma wɔnntwa no twetia.

19 Twetia nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom Nyankopɔn ahyɛdeɛ sodie na ɛhia.

20 Frɛ ko a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ma no ntena mu.

21 Wɔfrɛɛ woɔ na woyɛ akoa anaa? Mma no nnha wo. Na sɛ wobɛtumi anya wo fawohodie nso a, fa no saa mmom.

22 Na deɛ wɔafrɛ no Awurade mu, na ɔyɛ akoa no yɛ Awurade dehyeɛ; saa ara na ɔdehyeɛ nso a wɔafrɛ Kristo mu no yɛ Kristo akoa.

23 Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa.

24 Anuanom, biribiara a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ɛno ara mu na ɔne Onyankopɔn ntena.

Awadeɛ ho afotuo

25 Na wɔn a wɔnwareeɛ ho deɛ, menni Awurade ahyɛdeɛ biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborɔhunu ama no ayɛ ɔnokwafoɔ.

26 Na afei, mesusu sɛ deɛ ɛyɛ ne sɛ: Seesei ahohia yi nti, ɛyɛ ma onipa sɛ ɔtena hɔ saa.

27 Wobata ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ sɛ wobɛgyae awadeɛ. Wɔasane wo ho afiri ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ yere.

28 Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne; na sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne; na wɔn a wɔyɛ saa no ho bɛhiahia wɔn honam mu; na me deɛ, anka mepɛ sɛ meyi ahohia no firi mo soɔ.

29 Na deɛ mereka ni, anuanom, sɛ wɔatwa ɛberɛ no so tia nti, ma wɔn a wɔwɔ yerenom nyɛ sɛdeɛ wɔnni bie,

30 na wɔn a wɔresu nyɛ sɛdeɛ wɔnsu, na wɔn a wɔn ani agyeɛ nyɛ sɛdeɛ wɔn ani nnyeɛ, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛdeɛ wɔnni hwee,

31 na wɔn a wɔredi dwuma wɔ wiase nyɛ sɛdeɛ wɔnnie; ɛfiri sɛ wiase su retwa mu.

32 Na mepɛ sɛ anka moyi adwennwene firi mo soɔ. Deɛ ɔnwareeɛ dwennwene Awurade fam nnoɔma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani,

33 na ɔwarefoɔ dwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne yere ani,

34 na ɛma n’adwene yɛ no ntanta. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu dwennwene Awurade deɛ ho, na ne ho ate nipadua ne honhom mu; na ɔbaa warefoɔ deɛ ɔdwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani.

35 Mo ara mo yiedie nti na mereka yei; ɛnyɛ sɛ merehyɛ mo so, na mmom ɛfɛ a ɛyɛ, ne tena a mone Awurade bɛtena yie, na biribiara renha mo adwene ntira.

36 Na sɛ obi dwene sɛ ne nneyɛɛ wɔ n’asiwa bi a waso awadeɛ soɔ mfata, nanso ɛhia a, ɔnyɛ deɛ ɔpɛ, ɛnyɛ bɔne, ma wɔnware.

37 Na deɛ ɔgyina pintinn, n’akoma mu, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ ne pɛ so tumi, na wahyɛ n’akoma mu sɛ ɔbɛma ne baabunu atena hɔ no, wayɛ no yie.

38 Enti deɛ ɔware n’asiwa no yɛ no yie, na deɛ ɔnwareɛ no yɛ no yie kɛseɛ.

39 Ɔbaa kunu te aseɛ no, na mmara akyekyere ɔbaa no, na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ kwan sɛ ɔwareɛ, na mmom Awurade mu nko ara.

40 Na sɛ ɔtena hɔ saa ara a, m’adwene ne sɛ, ɛyɛ mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Nyankopɔn honhom.

1 Korintofoɔ 8

Aduane a wɔde ma Abosom

1 Na abosom afɔrebɔdeɛ ho deɛ, yɛnim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahomasoɔ, na ɔdɔ deɛ ɛma nkɔsoɔ.

2 Na sɛ ɛyɛ obi sɛ ɔnim biribi a, ɔnnya nhunuu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔhunu.

3 Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.

4 Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara.

5 Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nnoɔma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame bebree ne awurade bebree wɔ hɔ no a,

6 yɛn deɛ, Onyankopɔn baako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nnoɔma nyinaa firi ne mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade baako, Yesu Kristo a wɔnam ne so yɛ nnoɔma nyinaa, na yɛn nso yɛnam ne so wɔ hɔ no.

7 Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de wedare a wɔawedare wɔ abosonsɛm ho bɛsi nnɛ no di no sɛ abosom afɔrebɔdeɛ, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛ nti, efi ka no.

8 Na aduane nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yɛdi a, yɛbɛyɛ ma, anaa sɛ yɛanni a, yɛbɛtɔ sini.

9 Na monhwɛ yie na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛ no suntidua.

10 Na sɛ obi hunu wo a wowɔ nimdeɛ no sɛ wote abosonnan mu adidiiɛ a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛ no nnya nnyinasoɔ nkɔdi abosom afɔrebɔdeɛ anaa?

11 Ɛnneɛ na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛ, a ne nti Kristo wuiɛ no bɛyera.

12 Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ no a, na moreyɛ Kristo bɔne.

13 Enti sɛ nam die to me nua suntidua a, ɛnneɛ merenni ara da na manto me nua suntidua.