1 Korintofoɔ 6

Wiasefoɔ anim asɛnnie

1 Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔnsi ne bo nkɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔntene anim, na ɛnyɛ ahotefoɔ anim anaa?

2 Monnim sɛ ahotefoɔ na wɔbɛbu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mobɛbu wiase atɛn a, ɛmfata mo sɛ modi nsɛm nketewa anaa?

3 Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Na kampɛsɛ asetena yi mu nnoɔma?

4 Na sɛ mowɔ asetena yi mu nnoɔma ho nsɛm a, wɔn a wɔmmu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ badwafoɔ?

5 Meka yei mehyɛ mo aniwuo. Onyansafoɔ baako mpo nni mo mu a ɔbɛtumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?

6 Adɛn na onua de onua kɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔnnye nnie anim yi?

7 Mfomsoɔ anya aba mo mu sɛ mone mo ho mo ho wowɔ nsɛmnsɛm. Adɛn na mommma wɔnni mo amim mmom? Adɛn na mommma wɔnsisi mo mmom?

8 Mo mmom na modi amim na mosisie, na mode yɛ anuanom mpo.

9 Anaasɛ monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Nyankopɔn ahennie no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmarima ahohwifoɔ, mmarima a wɔne mmarima da,

10 awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no.

11 Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.

Fa wo nipadua hyɛ Onyankopɔn animuonyam

12 Mewɔ nnoɔma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ; mewɔ nnoɔma nyinaa ho kwan, nanso memma biribiara nhyɛ me so.

13 Aduane yɛ yafunu dea, na yafunu nso yɛ aduane dea; na Onyankopɔn bɛma ne mmienu ayɛ kwa. Na nipadua nyɛ adwamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.

14 Na Onyankopɔn anyane Awurade, na ɔnam ne tumi so bɛnyane yɛn bi.

15 Monnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ no odwamamfoɔ akwaa? Ɛmpare me!

16 Anaasɛ monnim sɛ deɛ ɔde ne ho bɔ odwamamfoɔ ho no, na ɔne no ayɛ nipadua baako anaa? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ honam baako.

17 Na deɛ ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom baako.

18 Monnwane adwamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ nni nipadua mu, na deɛ ɔbɔ adwaman no deɛ, ɔyɛ ɔno ara ne nipadua bɔne.

19 Anaasɛ monnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a monya firii Nyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?

20 Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

11 + 12 =