1 Korintofoɔ 3

Mpaepaemu a ɛwɔ Korinto Asafo no mu

1 Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, sɛ Kristo mu nkɔkoaa.

2 Nufoɔ na mede memaa monomeeɛ na nyɛ aduane, ɛfiri sɛ na montumi nnye, na seesei ara mpo, montumi.

3 Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. Na ɛberɛ a ahoɔyea ne aperepereɛ wɔ mo mu yi, monyɛ honam mufoɔ, na ɛnyɛ nnipasɛm na moredi yi anaa?

4 Na sɛ obi se: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa a, na monyɛ honam mufoɔ anaa?

5 Na Apolo ne hwan? Paulo ne hwan? Wɔyɛ asomfoɔ a monam wɔn so agye adie, na wɔn mu biara wɔ deɛ Awurade de ama no.

6 Me deɛ, meduae, Apolo guguu so nsuo, nanso Onyankopɔn na ɔmaa no nyiniiɛ.

7 Enti ɛnyɛ deɛ ɔdua, na ɛnyɛ deɛ ɔgugu so nsuo na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma no nyini no a.

8 Na deɛ ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo yɛ baako, na wɔn mu biara bɛnya n’akatua sɛdeɛ ɔno ara n’adwuma teɛ.

9 Na yɛyɛ Nyankopɔn adwumayɛfoɔ, a yɛne no bom yɛ adwuma; moyɛ Nyankopɔn afuo, Nyankopɔn dan.

10 Nyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifoɔ nyansafoɔ, na obi to so; na obiara a ɔto soɔ no nhwɛ sɛdeɛ ɔto so fa.

11 Na fapem foforɔ deɛ, obiara rentumi nto nka deɛ ɛhyɛ hɔ dada a, ɛne Yesu Kristo no ho.

12 Nanso sɛ obi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, ɛserɛ, aburoodua to fapem yi so a,

13 obiara adwuma bɛda adi, na Ɛda no bɛyi no adi, ɛfiri sɛ ogya mu na ɛbɛda adie, na sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no ogya no bɛsɔ ahwɛ;

14 sɛ obi adwuma a wato asi soɔ gyina a, ɔbɛnya akatua.

15 Sɛ obi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ; ɔno ara deɛ wɔbɛgye no nkwa, nanso ɛte sɛ deɛ ɛnam ogya mu.

16 Monnim sɛ moyɛ Nyankopɔn asɔredan na Nyankopɔn honhom te mo mu anaa?

17 Sɛ obi sɛe Nyankopɔn asɔredan a, sɛeɛ na Onyankopɔn bɛsɛe no; ɛfiri sɛ Nyankopɔn asɔredan ho te, na ɛne mo ara.

18 Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obiara susu sɛ ɔyɛ onyansafoɔ mo mu, wiase a, ma no nyɛ kwasea na wayɛ onyansafoɔ.

19 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Nyankopɔn anim; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu.

20 Na bio:

Awurade nim anyansafoɔ nsusuiɛ

sɛ ɛyɛ nsusuiɛ hunu.

21 Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nnoɔma nyinaa wɔ mo,

22 Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owuo oo, ɛnnɛ deɛ oo, daakye oo, nnoɔma nyinaa wɔ mo,

23 na mo nso mowɔ Kristo, na Kristo nso wɔ Onyankopɔn.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 + four =