1 Korintofoɔ 4

Kristo Asomafoɔ

1 Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahuntasɛm so ahwɛfoɔ.

2 Na afei, deɛ wɔhwehwɛ firi efiehwɛfoɔ hɔ ne sɛ obiara bɛhunu sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.

3 Na me deɛ, ɛyɛ me adeɛ ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn, nso memmu me ho atɛn.

4 Ɛfiri sɛ me deɛ menhunu biribiara wɔ me ho, nanso ɛnyɛ yei ho na medi bem; na deɛ ɔbu me atɛn ne Awurade.

5 Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.

6 Na anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ morennwene ntra deɛ wɔatwerɛ no, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asie.

7 Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?

8 Moawie mee dada, aane moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ modii ahene ampa a, anka ɛyɛ, na yɛn nso yɛne mo adi bi.

9 Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafoɔ adi akyire sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owuo, ɛfiri sɛ yɛayɛ ahwɛdeɛ ama wiase ne abɔfoɔ ne nnipa.

10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, na mo deɛ, moyɛ anyansafoɔ, Kristo mu; yɛyɛ mmerɛ, na mo deɛ, mo ho yɛ den. Mo deɛ, moyɛ animuonyamfoɔ, na yɛn deɛ yɛyɛ ahohorafoɔ.

11 Ɛde bɛsi dɔn yi mu, ɛkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagya, na wɔhwe yɛn, na yɛnni baabi te,

12 na yɛbrɛ de yɛn ara yɛn nsa yɛ adwuma. Wɔya yɛn a, yɛhyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so,

13 wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de bɛsi nnɛ.

Agya afotuo

14 Mentwerɛ yei memmɛgu mo anim ase, na mmom mede rebɛtu mo fo sɛ me mma adɔfo.

15 Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu wɔ Kristo mu mpo a, monni agyanom bebree; na me na menam asɛmpa no so mewoo mo Kristo Yesu mu.

16 Enti metu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me.

17 Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa.

18 Na ebinom rehoahoa wɔn ho sɛdeɛ meremma mo nkyɛn.

19 Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabɛhunu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm a.

20 Na Onyankopɔn ahennie nni kasa ara kɛkɛ mu, na mmom tumi mu.

21 Deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa mmra mo so, anaa ɔdɔ ne ɔdwoɔ honhom?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

10 + 1 =