1 Korintofoɔ 1

Nkyea

1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene

2 de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;

3 adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

4 Nyankopɔn adom a wɔde adom mo wɔ Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho,

5 sɛ nnoɔma nyinaa mu, moanya mo ho wɔ ne mu, asɛnka ne nimdeɛ nyinaa mu

6 sɛdeɛ Kristo adanseɛ no atim mo mu

7 amma adom akyɛdeɛ biara ammɔ mo, berɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyie no;

8 ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.

9 Onyankopɔn a wɔnam ne so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.

Mpaepaemu a ɛwɔ Asafo no mu

10 Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.

11 Na me nuanom, Kloe fiefoɔ abɛyi me mo ho asotire sɛ, aperepereɛ wɔ mo mu.

12 Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kefa afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kristo afa.

13 Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu anaa?

14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu gye Krispo ne Gaio,

15 na obi anka sɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ mankasa me din mu.

16 (Ɛhee, afei nso mebɔɔ Stefana fiefoɔ asu; na nkaeɛ no deɛ, sɛ mebɔɔ obi asu a, mennim.)

17 Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ kwa.

Kristo yɛ Onyankopɔn Nyansa ne ne Tumi

18 Na asɛnnua no ho asɛm yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi.

19 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ:

Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,

na mɛma animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa.

20 Onyansafoɔ wɔ he? Ɔtwerɛfoɔ wɔ he? Wiase kyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn nnanee wiase yi nyansa nkwaseasɛm anaa?

21 Na wiase amfa nyansa so anhunu Onyankopɔn wɔ Nyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa.

22 Ɛfiri sɛ Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnneɛ, na Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa;

23 na yɛn deɛ, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm; ɔyɛ suntidua ma Yudafoɔ, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufoɔ.

24 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, saa Kristo yi yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.

25 Ɛfiri sɛ Nyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛne nnipa, na Nyankopɔn mmerɛyɛ yɛ den sene nnipa.

26 Na, anuanom, mpo monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafoɔ bebree, ɛnyɛ atumfoɔ bebree, ɛnyɛ adehyeɛ bebree na wɔafrɛ wɔn,

27 na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo.

28 Na wiase nnoɔma a ɛmfra ne deɛ wɔmmuo na Onyankopɔn ahwɛ mu ayie, ne deɛ ɛnni hɔ, sɛ ɔde bɛtu deɛ ɛwɔ hɔ,

29 na honam biara anhoahoa ne ho n’anim.

30 Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.

31 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Awurade mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nine − 4 =