1 Korintofoɔ 7

Deɛ Ɔsomafoɔ no susu wɔ awadeɛ ho

1 Na ɛfa deɛ motwerɛeɛ no ho, sɛ: Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbaa.

2 Anka ɛyɛ deɛ, nanso adwamammɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere, na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu.

3 Okunu mma ɔyere deɛ ɛsɛ na ɔyere nso mma okunu saa ara.

4 Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.

5 Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ ɛberɛ kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasane ahyia mu bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛ so ansɔ mo anhwɛ.

6 Na yei deɛ meka no ɔkwanma fam na ɛnyɛ ɔhyɛ so.

7 Na mepɛ sɛ anka nnipa nyinaa yɛ te sɛdeɛ meteɛ yi; nanso obiara wɔ ɔno ara n’adom akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn, obi deɛ te sei, obi nso deɛ yɛ adeɛ foforɔ.

8 Na meka mekyerɛ asugyafoɔ ne akunafoɔ sɛ, ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔtena hɔ sɛ me;

9 na sɛ wɔntumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na ɛyɛ sɛ wɔbɛwareɛ sene sɛ wɔbɛnya akɔnnɔ bɔne.

10 Na wɔn a wɔawareɛ no deɛ, mehyɛ wɔn, ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Awurade, sɛ ɔbaa nnnyae ne kunu,

11 (na sɛ ɔgyae no a, ɔnnware bio; anyɛ saa a, ɔnsane ne ne kunu nkɔbɔ mu); na mma okunu nso nnnyae ne yere.

12 Na wɔn a aka no, me na meka mekyerɛɛ wɔn na ɛnyɛ Awurade, sɛ onua bi wɔ yere a ɔnnye nnie, na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no tena a, ɔnnnyae no.

13 Na sɛ ɔbaa bi nso wɔ kunu a ɔnnye nnie, na ɔbarima no pene sɛ ɔne no tena a, ɔnnnyae no.

14 Na okunu a ɔnnye nnie no ho ate wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a ɔnnye nnie no ho ate okunu no mu; anyɛ saa deɛ a, na mo mma ho wɔ fi; na afei deɛ wɔn ho ate.

15 Na deɛ ɔnnye nnie no pɛ sɛ ɔgyae kɔ a, ma no nkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuabaa ko no so, sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoeɛ mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn.

16 Na ɔyere, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo kunu nkwa? Anaasɛ, okunu, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo yere nkwa?

Ɛsɛ obiara sɛ ɔpene n’asetena soɔ

17 Na sɛdeɛ Awurade akyɛ ama obiara ne sɛdeɛ Onyankopɔn afrɛ no no, saa ara na ɔmmɔ ne bra; na sɛdeɛ mehyehyɛ no asafo nyinaa mu ne no.

18 Wɔfrɛɛ obi na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma no nnnane momonotoni. Wɔfrɛ obi na ɔyɛ momonotoni anaa? Mma wɔnntwa no twetia.

19 Twetia nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom Nyankopɔn ahyɛdeɛ sodie na ɛhia.

20 Frɛ ko a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ma no ntena mu.

21 Wɔfrɛɛ woɔ na woyɛ akoa anaa? Mma no nnha wo. Na sɛ wobɛtumi anya wo fawohodie nso a, fa no saa mmom.

22 Na deɛ wɔafrɛ no Awurade mu, na ɔyɛ akoa no yɛ Awurade dehyeɛ; saa ara na ɔdehyeɛ nso a wɔafrɛ Kristo mu no yɛ Kristo akoa.

23 Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa.

24 Anuanom, biribiara a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ɛno ara mu na ɔne Onyankopɔn ntena.

Awadeɛ ho afotuo

25 Na wɔn a wɔnwareeɛ ho deɛ, menni Awurade ahyɛdeɛ biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborɔhunu ama no ayɛ ɔnokwafoɔ.

26 Na afei, mesusu sɛ deɛ ɛyɛ ne sɛ: Seesei ahohia yi nti, ɛyɛ ma onipa sɛ ɔtena hɔ saa.

27 Wobata ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ sɛ wobɛgyae awadeɛ. Wɔasane wo ho afiri ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ yere.

28 Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne; na sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne; na wɔn a wɔyɛ saa no ho bɛhiahia wɔn honam mu; na me deɛ, anka mepɛ sɛ meyi ahohia no firi mo soɔ.

29 Na deɛ mereka ni, anuanom, sɛ wɔatwa ɛberɛ no so tia nti, ma wɔn a wɔwɔ yerenom nyɛ sɛdeɛ wɔnni bie,

30 na wɔn a wɔresu nyɛ sɛdeɛ wɔnsu, na wɔn a wɔn ani agyeɛ nyɛ sɛdeɛ wɔn ani nnyeɛ, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛdeɛ wɔnni hwee,

31 na wɔn a wɔredi dwuma wɔ wiase nyɛ sɛdeɛ wɔnnie; ɛfiri sɛ wiase su retwa mu.

32 Na mepɛ sɛ anka moyi adwennwene firi mo soɔ. Deɛ ɔnwareeɛ dwennwene Awurade fam nnoɔma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani,

33 na ɔwarefoɔ dwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne yere ani,

34 na ɛma n’adwene yɛ no ntanta. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu dwennwene Awurade deɛ ho, na ne ho ate nipadua ne honhom mu; na ɔbaa warefoɔ deɛ ɔdwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani.

35 Mo ara mo yiedie nti na mereka yei; ɛnyɛ sɛ merehyɛ mo so, na mmom ɛfɛ a ɛyɛ, ne tena a mone Awurade bɛtena yie, na biribiara renha mo adwene ntira.

36 Na sɛ obi dwene sɛ ne nneyɛɛ wɔ n’asiwa bi a waso awadeɛ soɔ mfata, nanso ɛhia a, ɔnyɛ deɛ ɔpɛ, ɛnyɛ bɔne, ma wɔnware.

37 Na deɛ ɔgyina pintinn, n’akoma mu, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ ne pɛ so tumi, na wahyɛ n’akoma mu sɛ ɔbɛma ne baabunu atena hɔ no, wayɛ no yie.

38 Enti deɛ ɔware n’asiwa no yɛ no yie, na deɛ ɔnwareɛ no yɛ no yie kɛseɛ.

39 Ɔbaa kunu te aseɛ no, na mmara akyekyere ɔbaa no, na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ kwan sɛ ɔwareɛ, na mmom Awurade mu nko ara.

40 Na sɛ ɔtena hɔ saa ara a, m’adwene ne sɛ, ɛyɛ mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Nyankopɔn honhom.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × 4 =