2 Korintofoɔ 12

Anisoadehunu ne mmerɛyɛ

1 Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.

2 Menim onipa bi wɔ Kristo mu a, mfeɛ dunan ni, wɔhwimm no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, mennim, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim saa nipa no.

3 Na menim saa nipa no sɛ,) wɔhwimm no kɔɔ Paradise, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim,)

4 na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka.

5 Saa nipa no fam na mɛhoahoa me ho, na me ara me fam deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ mu.

6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ kwasea, na mɛka nokorɛ; nanso mama no aka, na obi ammu me ankyɛne deɛ ɔhu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte firi m’anomu.

7 Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.

8 Yei nti mesrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ ɛmfiri me so;

9 na ɔsee me sɛ: M’adom dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu. Enti mede anigyeɛ pii mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.

10 Kristo nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, animtiabuo mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometeɛ mu; ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛnna me ho yɛ den.

Ɔsomafoɔ bi adansedie nwoma

11 Mayɛ kwasea! Mo na moahyɛ me. Na me deɛ anka ɛsɛ sɛ moyi me ayɛ, ɛfiri sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛne me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo.

12 Ɔsomafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ no deɛ, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu.

13 Na ɛdeɛn mu na motɔɔ sini a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo deɛ, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me!

Sra a ɔbɛkɔ akɔsra Korintofoɔ

14 Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; ɛfiri sɛ menhwehwɛ mo hɔ biribiara, na mmom mo ara. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ adeɛ sie ma awofoɔ, na mmom awofoɔ na wɔpɛ adeɛ sie ma mma.

15 Na me deɛ, mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama wɔahwere me ama mo kra. Na sɛ medɔ mo ma no boro so saa a, ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ mo dɔ sua sene me deɛ?

16 Na ɛwɔ mu sɛ manyɛ mo so adesoa deɛ, nanso meyɛ onitefoɔ nti, mayi mo wɔ aniteɛ mu.

Paulo ne Tito dɔ

17 Menam wɔn a mesomaa wɔn wɔ mo nkyɛn no bi so mebɛsisii mo anaa?

18 Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito bɛsisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom korɔ no ara mu na yɛnanteeɛ, anaasɛ anammɔn korɔ no ara mu?

Ɔtemmufoɔ kɛseɛ no

19 Ɛyɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ho ano akyerɛ mo anaa? Nyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, yei nyinaa yɛka ma mo nkɔsoɔ.

20 Na mesuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ; ebia ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, ahantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;

21 sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodoɔ a wɔayɛ bɔne na wɔnsakyeraa wɔn adwene, wɔn fi ne adwamammɔ ne ahohwisɛm a wɔdiiɛ no ho.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seventeen − fifteen =