Yosua 6

Yeriko tua

1 Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.

3 Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. Saa na yɛ no nnansia.

4 Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.

5 Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee.

6 Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.

7 Na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsene nkɔtwa kuro no ho nhyia, na wɔn a wɔamia no nsene nni AWURADE adaka no anim.

8 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no no, asɔfoɔ baason a wɔkurakura osebɔ ntotorobɛnto no sene dii AWURADE anim na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no, na AWURADE apam adaka no dii wɔn akyi.

9 Na wɔn a wɔamia no dii asɔfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto no anim, na kyidɔm no dii adaka no akyi; wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara.

10 Na ɔman no deɛ, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ ose, na mommma wɔnnte mo nne, na asɛm biara mmfiri mo anomu de kɔsi da a mɛse mo sɛ mommɔ ose no ansa na moabɔ ose.

11 Na AWURADE adaka no twaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔbaa nsraban mu bɛdaa hɔ.

12 Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE adaka no.

13 Na asɔfoɔ baason no kurakura osebɔ ntotorobɛnto nson no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no.

14 Na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔtwaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔsane baa nsraban no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia.

15 Na da a ɛtɔ so nson no, adeɛ rekye pɛ, na wɔtuaa nhema sɔree ntɛm, na wɔtwaa kuro no ho hyiaa saa ara mprɛnson; da no nko ara na wɔtwaa kuro no ho hyiaa mprɛnson.

16 Na ɛbaa sɛ deɛ ɛtɔ so nson no soɔ a asɔfoɔ no rehyɛne ntotorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, ɛfiri sɛ AWURADE de kuro no ama mo.

17 Na kuro no nyɛ ahyiradeɛ, ɛno ne emu ade nyinaa mma AWURADE; odwamamfoɔ Rahab nko ara na ɔnnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fie nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde abɔfoɔ a yɛsomaa wɔn no huntaeɛ.

18 Mo ho yie ara na monhwɛ ahyiradeɛ no ho, na moanhyira so na moamfa ahyiradeɛ no bi, na moamfa Israel nsraban no anyɛ ahyiradeɛ amma amaneɛ amma so.

19 Na dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE, na wɔmfa mmra AWURADE adekorabea.

20 Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no. Na ɛbaa sɛ ɔman no tee ntotorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛseɛ, na ɔfasuo no hwee fam tim, na ɔman no foro kɔɔ kuro no mu, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kuro no.

21 Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.

22 Na mmarima baanu a wɔkɔsraa asase no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbaa dwamamfoɔ no fie nkɔfa ɔbaa no ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.

23 Na mmeranteɛ akwansrafoɔ no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne deɛ ɔwɔ nyinaa firi bae, na wɔde n’abusua nyinaa firii adi bɛgyaa wɔn Israel nsraban no akyi.

24 Na kuro no deɛ, wɔde ogya hyee ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nko na wɔde bɛguu AWURADE fie adekorabea no mu.

25 Na odwamamfoɔ Rahab ne n’agya fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa deɛ, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de bɛsi nnɛ, ɛfiri sɛ ɔde abɔfoɔ a Yosua soma maa wɔkɔsraa Yeriko no huntae.

26 Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ:

Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre

abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim:

Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ,

na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.

27 Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three × 2 =