Yosua 11

Israel nkonimdie 1 Na Hasorhene Yabin teeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Madonhene Yobab ne Simronhene ne Aksafhene nkyɛn 2 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam 3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ […]

Yosua 12

Nsase a Mose faeɛ no so ahemfo baanu ho asɛm 1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so, 2 Amorifoɔ hene Sihon […]

Yosua 13

Onyankopɔn hyɛ Yosua sɛ ɔnkyekyɛ asase no mu 1 Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree. 2 Asase a aka no nie: Filistifoɔ nsase nyinaa ne Gesur nyinaa. 3 (Ɛde firi […]

Yosua 14

Wɔnam ntontotwe so ma mmusuakuo nkron ne fa no agyapadeɛ 1 Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn, 2 wɔn agyapadeɛ a ɛnam ntontotwe soɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma […]

Yosua 15

Yuda asase no ahyeɛ 1 Na Yuda mma abusuakuo ntonto, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so. 2 Na wɔn anafoɔ fam hyeɛ no firi Nkyene Po awieeɛ no ho dɔnnɔn a ɛbu fa anafoɔ fam no ano. […]

Yosua 16

Yosef ne Efraim asase no ahyeɛ 1 Na deɛ ntonto no yi maa Yosef mma no firi Yeriko Yordan ano, Yeriko asuo apueeɛ, ɛserɛ a ɛfiri Yeriko kɔ Betel bepɔ soɔ no; 2 na ɛfiri Betel de kɔ Lus, na ɛtwam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot, 3 na ɛsiane kɔ atɔeɛ, Yafletifoɔ hyeɛ ho […]

Yosua 17

Manase kyɛfa 1 Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima. 2 Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem […]

Yosua 18

Wɔkyekyɛ asase a aka no mu 1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim. 2 Na aka Israelfoɔ no mu wɔn a wɔnkyɛɛ agyapadeɛ mmaa wɔn no, mmusuakuo nson. 3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn […]

Yosua 19

Asase no kyekyɛ 1 Na ntonto a ɛtɔ so mmienu no ba maa Simeon, Simeonfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn agyapadeɛ da Yuda mma agyapadeɛ ntam. 2 Na deɛ wɔnyaa no wɔn agyapadeɛ mu ne Beer-seba, Seba, Molada, 3 Hasar-sual, Bala, Asem, 4 Eltolad, Betul, Horma, 5 Siklag, Bet-markabot, Hasar-susa, 6 Bet-lebaot […]

Yosua 20

Dwanekɔbea nkuro nsia no 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Monyi dwanekɔbea nkuro a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no, 3 na onipakumfoɔ a ɔbɛkum obi nsapa mu anaa wammoapa no nnwane nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo dwanekɔbea mfiri mogya ho werefoɔ nsam. 4 Na deɛ […]