Yosua 10

Gibeon sa

1 Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasapasa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,

2 ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.

3 Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:

4 Mommra me nkyɛn mmɛboa me, na yɛnkunkum Gibeon, ɛfiri sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no akɔdi asomdwoeɛsɛm.

5 Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.

6 Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.

7 Ɛnna Yosua firii Gilgal foro kɔeɛ, ɔno ne akofoɔ no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.

9 Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo firii Gilgal baeɛ.

10 Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkum wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.

11 Na wɔredwane afiri Israel anim na wɔkɔduruu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totoo aboɔ akɛseɛ firi soro guguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui, wɔn a asukɔtweaa no kunkumm wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ no kunkumm wɔn nkrantɛ ano no.

Owia ne ɔsrane di Yosua asɛm so

12 Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifoɔ maa Israel anim no, na ɔkaa no Israel anim sɛ:

Owia, twɛn wɔ Gibeon,

ne ɔsrane, wɔ Ayalon bonhwa mu.

13 Na owia twɛnee, na ɔsrane gyinae

de kɔsii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfoɔ so were.

Wɔntwerɛɛ yei Teefoɔ Nwoma no mu? Na owia gyinaa ɔsoro mfimfini, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.

14 Na ɛda bi mmae sɛ ɛno, anim anaa akyire a AWURADE atie onipa nne, ɛfiri sɛ AWURADE ko maa Israel.

15 Na Yosua sane ne Israel nyinaa baa Gilgal nsraban no mu.

16 Na ahemfo baanum yi dwane kɔhuntaa Makeda ɔbodan no mu.

17 Na wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛahunu ahemfo baanum no sɛ wɔahunta Makeda ɔbodan no mu.

18 Na Yosua kaa sɛ: Monkɔmuni aboɔ akɛseɛ nhini ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn.

19 Na mo deɛ, monnnyina hɔ, monti mo atamfoɔ no, na monkum wɔn kyidɔm no; mommma wɔnnnuru wɔn nkuro mu, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.

20 Na Yosua ne Israelfoɔ no de okunkɛseɛ pa kunkum wɔn wieeɛ maa wɔsaeɛ no, na nnipa a wɔfirii mu no dwanedwane kɔhyɛnehyɛnee nkuro a wɔatoto ho afasuo mu,

21 na ɔman no nyinaa sane baa nsraban no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo. Obiara antwe ne tɛkyerɛma antia Israelfoɔ no.

22 Na Yosua kaa sɛ: Mommue ɔbodan no ano, na monyi ahemfo baanum no mfiri ɔbodan no mu mmrɛ me.

23 Na wɔyɛɛ saa, na wɔyiyii ahemfo baanum no firii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene.

24 Na wɔde ahemfo yi firi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔsee mmarima akofoɔ a wɔne no kɔeɛ no asafohene no sɛ: Montwe mpini mfa mo nan mmɛsisi ahemfo yi kɔn so. Na wɔtwe pinii de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn so.

25 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na mo akoma nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara ne AWURADE bɛyɛ mo atamfoɔ a mo ne wɔn ko no nyinaa.

26 Na ɛno akyiri no, Yosua bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn, na ɔde wɔn sensɛnee nnua nnum so, na wɔsensɛnee nnua no so kɔsii anwummerɛ.

27 Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe maa wɔyiyii wɔn firii nnua no so, na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhuntaa mu no mu, na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi ara.

28 Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.

29 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Makeda kɔɔ Libna, na ɔne Libna kɔkoeɛ.

30 Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.

31 Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Libna kɔɔ Lakis, na ɔkyeree so nsraban, na ɔne wɔn koe.

32 Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae, da a ɛtɔ so mmienu no, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ Libna no ara.

33 Ɛno mu no Geser hene Horam foro ba bɛboaa Lakis. Na Yosua kumm no ne ne man nyinaa de kɔsii sɛ wamma no anka no obiara.

34 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Lakis kɔɔ Eglon, na wɔkyeree so nsraban, na wɔne wɔn koe.

35 Na wɔfae, da no ara, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ ɔyɛɛ Lakis no ara.

36 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa foro firii Eglon kɔɔ Hebron, na ɔne wɔn koe.

37 Na wɔfae de nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne emu hene ne wɔn nkuro no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa. Wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa.

38 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa sane baa Debir ne no bɛkoeɛ.

39 Na ɔfae, ne ne hene ne ne nkuro nyinaa, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.

40 Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.

41 Na Yosua kunkumm wɔn firii Kades-barnea kɔduruu Gasa ne Gosen asase no nyinaa kɔduruu Gibeon.

42 Na ahemfo yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua faa no prɛko, ɛfiri sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ko maa Israel.

43 Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho no nyinaa sane baa Gilgal nsraban no mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

20 − sixteen =