Yosua 5

1 Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.

Ɔman twetiatwa ne Twam afahyɛ

2 Saa berɛ no ara na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twerɛboɔ asekan, na sane twitwa Israelfoɔ no twetia a ɛtɔ so mmienu.

3 Na Yosua yɛɛ twerɛboɔ asekan de twitwaa Israelfoɔ no twetia Aaralot kokoɔ so.

4 Na deɛ enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wɔfiri Misraim baeɛ no mu mmarima nyinaa, akofoɔ no nyinaa wuwuu kwan mu wɔ serɛ so, wɔfiri Misraim firiiɛ no akyi.

5 Nanso ɔman no a wɔfiri Misraim firiiɛ no akyire wɔwoo wɔn kwan mu wɔ serɛ soɔ no nyinaa deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.

6 Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.

7 Na wɔn mma na ɔmaa wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.

8 Na wɔwiee ɔman mu no nyinaa twetiatwa no, wɔtenaa wɔn tenabea hɔ nsraban no mu kɔsii sɛ wɔn ho saneeɛ.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ mamuni Misraim nsopa afiri mo so. Ɛno nti wɔfrɛɛ hɔ Gilgalde bɛsi nnɛ yi ara.

10 Na Israelfoɔ no kyeree nsraban Gilgal, na wɔdii Twam no, bosome no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Yeriko mpaperɛ so.

11 Na Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ no, da no ara, na wɔdii asase no so aduane, apiti ne nkyeweɛ.

Nyankopɔn bɔfoɔ

12 Na mana no to twae firi da a wɔdii asase no so aduane no, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ no annya mana bio, na wɔdii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ afe no ara mu.

13 Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?

14 Na ɔse: Dabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuu fam sɔree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?

15 Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa firi wo nan, na deɛ wogyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one × five =