Yosua 7

Wɔkum Israelfoɔ wɔ Ai. Wɔkum Akan

1 Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.

2 Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.

3 Na wɔsane baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; na mmarima bɛyɛ mpennu anaa mpensa nkɔbɔ Ai, nha ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wɔsua.

4 Na ɔman no mu bɛyɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso wɔdwane firii Ai mmarima no anim.

5 Na Ai mmarima no kunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa wɔn Ai kuro pono no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn asianee no mu. Na ɔman no akoma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsuo.

6 Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.

7 Na Yosua kaa sɛ: Awurade NYANKOPƆN, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.

8 Wo kyɛw nie, AWURADE, sɛ Israel adane wɔn akyiri akyerɛ wɔn atamfoɔ yi, ɛdeɛn na menka?

9 Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, adɛn nti na wode w’anim abutu fam seyie?

11 Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.

12 Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.

13 Sɔre te ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Ahyiradeɛ wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kɔsi sɛ mobɛyi ahyiradeɛ no afiri mo mu.

14 Enti anɔpa, wɔmfa mo mpinkyɛ mmusuakuo mmusuakuo. Na abusuakuo a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini mmusua mmusua, na abusua a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini afie, na efie a AWURADE bɛkyerɛ no mu mmarima ntwe mpini mmaako mmaako.

15 Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.

16 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel pinkyɛe abusuakuo abusuakuo. Na wɔkyeree Yuda abusuakuo.

17 Na ɔde Yuda mmusua pinkyɛe, na wɔkyeree Serafoɔ abusua. Na ɔde Serafoɔ abusua mu mmarima pinkyɛe mmaako mmaako, na wɔkyeree Sabdi.

18 Na ɔde ne fie mmarima pinkyɛe mmaako mmaako, na wɔkyeree Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu.

19 Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so.

20 Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokorɛ, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛeɛ.

21 Mehunuu asadeɛ no mu Sinear ngusoɔ fɛfɛ bi ne dwetɛ nnwetɛbena ahanu ne sika dame baako a ano si nnwetɛbena aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam me ntomadan mu, na dwetɛ no wɔ aseɛ.

22 Ɛnna Yosua somaa abɔfoɔ, na wɔde mmirika kɔɔ ntomadan no mu, na hwɛ, na ɛhyɛ ne ntomadan no mu, na dwetɛ no hyɛ aseɛ.

23 Na wɔyi firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa, na wɔde bɛguu AWURADE anim.

24 Ɛnna Yosua faa Sera ba Akan, ne dwetɛ ne ngusoɔ ne sika dame no, ne ne mmammarima ne ne mmammaa, ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan, ne ne ntomadan ne deɛ ɔwɔ nyinaa, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔde wɔn foro kɔɔ Akor bonhwa mu.

25 Na Yosua kaa sɛ: Adɛn na woaha yɛn yi? AWURADE bɛha wo nnɛ da yi. Na Israel nyinaa sii no aboɔ, na wɔde ogya hyee wɔn, na wɔde aboɔ guu wɔn so.

26 Na wɔhɔree ne so abosie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi. Na AWURADE dane firii n’abufuhyeɛ no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akorbonhwa de bɛsi nnɛ yi.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 + 10 =