Hosea 6

Ahonu a ɛnyɛ

1 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn,

na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ,

ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

2 Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa,

da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre

na yɛanya n’anim nkwa.

3 Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no.

Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ,

na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ,

sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.

4 Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim?

Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda?

Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum,

na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.

5 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn,

na mede m’anomu nsɛm makum wɔn,

na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.

6 Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam,

ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

8 Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro

a mogya akeka mu.

9 Na asɔfoɔ asafokuo no

te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa,

wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no;

aane abusudeɛ ara na wɔyɛ.

10 Mahunu ahodwirideɛ Israel fie,

ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.

11 Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo,

berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eleven − four =