Hosea 4

Wɔyi asɔfoɔ ne ɔman no atɛn

1 Montie AWURADE asɛm, Israel mma,

na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham.

Na nokorɛ ne adɔeɛ

ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.

2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ.

Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.

3 Enti asase no di abooboo,

na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam,

ewiram mmoadoma

ne ewiem nnomaa;

na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.

4 Nanso mma obi nnham

na obi nnka anim,

ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham.

5 Enti wobɛsunti awia,

na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene.

6 Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu;

na wo nso, woapo nimdeɛ nti,

mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ;

na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti,

me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.

7 Wɔrekɔ so dɔre no,

na wɔrekɔ so yɛ me bɔne;

wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora.

8 Me man bɔne yɛ wɔn aduane,

na wɔn amumuyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.

9 Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no,

na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti,

na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi.

10 Wɔbɛdidi, na wɔremmee;

wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene;

ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.

11 Adwamammɔ ne nsa ne nsa mono

sɛe nteaseɛ.

12 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ,

na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn,

ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn,

na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.

13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ,

na wɔhye aduhwam nkokoɔ so,

odum ne duafufuo ne odupɔn ase,

ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ.

Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.

14 Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho,

ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho,

na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane,

na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ;

na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ.

Wɔbɔ Yuda kɔkɔ

15 Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a,

mma Yuda nnni so.

Na mommma Gilgal,

na mommforo mmma Bet-awen,

na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi.

16 Na Israel aso awu

sɛ nantwiburuwa aso.

Afei AWURADE bɛyɛne wɔn

sɛ adwammaa, asase bayaa so.

17 Efraim akɔdɔm abosom adum;

gyaa no.

18 Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ,

pɛ na emu atitire pɛ ahohora.

19 Mframa akyekyere wɔn wɔ ne ntaban mu,

na wɔn ani bɛwuwu wɔn afɔrebɔ ho.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − ten =