Hosea 1

Hosea yere ne ne mma

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

2 Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ.

3 Na ɔkɔ kɔfaa Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.

5 Na ɛda no mɛbubu Israel tadua, Yesreel bonhwa no mu.

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama,na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

7 Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.

8 Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.

9 Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami,na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn.

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

15 − four =