Hosea 9

Otukorɔ no

1 Israel, mma w’ani nnnye

na nni ahurisie sɛ aman bi,

ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman.

Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.

2 Ayuporebea ne nsa-kyi-amena renyɛne wɔn,

na nsamono no bɛdi wɔn hwammɔ.

3 Wɔrentena AWURADE asase so,

na Efraim bɛsane akɔ Misraim,

na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE,

na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ;

wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane,

wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi;

na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ,

ɛremma AWURADE fie.

5 Ɛdeɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no

ne AWURADE dapɔnna no?

6 Na hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔatu kɔ;

Misraim bɛboa wɔn ano,

Memfis bɛsie wɔn;

wɔn dwetɛ nnwinneɛ ananmu na nnɛnkyɛnse bɛsie,

na nkasɛɛ bɛfu deɛ wɔn ntomadan siiɛ no.

7 Asotwe nna no anya aba,

aweretɔ nna no anya adu;

Israel bɛhunu sɛ

odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ,

na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ,

amumuyɛ dodoɔ

ne ɔtane a ɛso pii no nti.

8 Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn

yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim,

nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu,

ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie.

9 Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no

mu adɔ sɛ Gibea nna no mu,

ɔbɛkae wɔn amumuyɛ,

ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho.

Wɔnnim Nyankopɔn dɔ

10 Mehunuu Israel

sɛ ɛserɛ so bobe aba,

mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan,

ne bereɛ a ɛdi kan mu;

nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn,

na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ,

na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.

11 Efraim deɛ, wɔn animuonyam bɛtu sɛ anomaa,

awoɔ ne afurofa ne nyinsɛn nni wɔn mu.

12 Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a,

mɛma wɔadi awommawuo na obi anka;

na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a,

wɔnnue ara!

13 Efraim a meyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa soɔ no,

Efraim no ara bɛyi ne mma afiri akɔma okumfoɔ.

14 AWURADE, ma wɔn ɛ! —

Ɛdeɛn na wobɛma wɔn?

Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn,

ne nufoɔ a emu aweɛ.

15 Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal,

na ɛhɔ na mefiri metanee wɔn;

wɔn nneyɛɛ bɔne nti

mɛpamo wɔn afiri me fie,

merenna so mennɔ wɔn;

wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatefoɔ nko.

16 Wɔde adeɛ abɔ Efraim;

wɔn ase nhini akyenkyen;

aba nso wɔrenso;

sɛ wɔwo nso a,

mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.

17 Me Nyankopɔn apo wɔn,

ɛfiri sɛ wɔantie no;

na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twelve − six =