Hosea 5

Ahemman mmienu no atenetene

1 Montie yei, asɔfoɔ,

na monwɛn aso, Israel fie,

na ɔhene fie nso, monyɛ aso;

na mo so na atemmuo aba;

na moadane fidie wɔ Mispa

ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.

2 Na mansotwefoɔ ama wɔn ahohwisɛmdie mu adɔ,

nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3 Me deɛ, menim Efraim,

na Israel nso nhunta me;

na afei, Efraim, woabɔ adwaman,

na Israel ho agu fi.

4 Wɔn nneyɛɛ mma

wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,

na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu,

na wɔnnim AWURADE.

5 Na Israel ahantan bɛdi n’anim adanseɛ,

na Israel ne Efraim bɛsunti wɔn amumuyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn asunti.

6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ

akɔhwehwɛ AWURADE,

na wɔrenhu no;

ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

7 Wɔatwa AWURADE nkontompo,

na wɔawowo ananafoɔ mma.

Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.

8 Monhyɛne abɛn Gibea,

monhyɛne totorobɛnto Rama.

Mommɔ ose Bet-awen,

ɛwɔ w’akyi, Benyamin.

9 Efraim bɛdane amamfo,

asotwe da no;

mama wɔahunu Israel mmusuakuo

ho asɛm a ɛbɛtim mu.

10 Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ

wɔn a wɔtwe ɛhyeɛ kɔ akyire,

wɔn so na mɛhwie

m’anibereɛ magu sɛ nsuo.

11 Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu,

ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.

12 Na me deɛ, mete sɛ nweweboaa mema Efraim

ne nhunhuniiɛ mema Yuda fie.

13 Na Efraim hunuu ne yadeɛ,

na Yuda hunuu ne kuro;

na Efraim sii mu kɔɔ Asiria,

na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn;

na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ,

na ɔrentumi nkum mo ho akuro.

14 Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim

ne gyataburuwa ma Yuda fie;

me, me na mɛtete mu makorɔ,

mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

15 Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi,

akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim;

wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × 4 =