Hosea 3

Nyankopɔn ntoboaseɛ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

2 Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no.

3 Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa.

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.

5 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × two =