2 Korintofoɔ 1

Nkyea

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafoɔ ne onua Timoteo de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu.

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Awerɛkyekyerɛ ne ɔgyeɛ so aseda

3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn

4 a, ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so, akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.

5 Na sɛdeɛ Kristo amanehunu a ɛso pa ara ba yɛn soɔ no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekyerɛ nam Kristo so boro soɔ.

6 Na sɛ wɔteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ne nkwagyeɛ ma mo, na sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ma mo; ɛno na ɛdi dwuma boasetɔ mu amaneɛ a yɛn nso yɛhunu no ara mu.

7 Na mo ho anidasoɔ a yɛwɔ no mu yɛ den, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ sɛdeɛ mohunu amaneɛ no bi no, saa ara nso na monya awerɛkyekyerɛ no bie.

8 Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ wuo.

9 Na yɛn ara yɛhunuu no yɛn mu sɛ yɛbɛwu, enti yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho too Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ no so.

10 Deɛ ɔyii yɛn firii saa owuo kɛseɛ yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛyi yɛn bio.

11 Mo nso monkoto nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛdeɛ a wɔnam nnipa pii nkotosrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn.

Paulo ahohoahoa

12 Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.

13 Na yɛntwerɛ biribiara mmrɛ mo, gye deɛ mobɛtumi akenkan na moate aseɛ; na m’ani da so sɛ mobɛte aseɛ awie,

14 sɛdeɛ mo nso moate yɛn aseɛ fa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛdeɛ mo nso moyɛ yɛn deɛ, yɛn Awurade Yesu da no.

Deɛ enti Paulo tu ne nsra hyɛ da

15 Na saa ahotosoɔ yi mu na mebɔɔ me tirim kane no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔ ho,

16 na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masane mafiri Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea.

17 Enti mebɔɔ me tirim saa no, medii adwenharesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔeɛ no, mebɔɔ no honam fam, na m’asɛm ayɛ aane, aane ne dabi, dabi anaa?

18 Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ aane ne dabi.

19 Na Nyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ aane ne dabi, na aane mmom na ɛwɔ ne mu.

20 Ɛfiri sɛ, Nyankopɔn bɔ dodoɔ a ɔhyɛeɛ no, ɔno mu na aane no wɔ, na ne mu nso na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

21 Na deɛ ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Onyankopɔn;

22 ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ dwaha ama yɛn wɔ yɛn akoma mu.

23 Na me deɛ, mefrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni me kra adanseɛ sɛ, mempɛ sɛ mebɛho mo werɛ nti na mamma Korinto bio no.

24 Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidie ho, na mmom yɛyɛ mo anigyeɛ ho yɔnko adwumayɛfoɔ; ɛfiri sɛ gyidie na mode gyina hɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

15 + 16 =