2 Korintofoɔ 5

Honhom fam nipadua

1 Na yɛnim sɛ, sɛ wɔnya dwiri yɛn asase so ntomadan yi a, yɛbɛnya efie a ɛfiri Onyankopɔn, ɛdan a wɔamfa nsa ansie, a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.

2 Ɛfiri sɛ yei mu deɛ, yɛsi apini na yɛn ani agyina sɛ yɛbɛhyɛ yɛn fie a ɛfiri soro no afoa so,

3 ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagya mu.

4 Na yɛn a yɛte ntomadan yi mu yi si apini na ɛhyɛ yɛn so, ɛfiri sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɛda adagya, na mmom yɛpɛ sɛ yɛhyɛ foa soɔ, na nkwa amene deɛ ɛwuo no.

5 Na deɛ wasiesie yɛn ama saa adeɛ yi ne Onyankopɔn a ɔno ara ankasa de Honhom no dwaha nso ama yɛn no.

Ɔsoro fie

6 Enti yɛhyɛ yɛn ho den daa, na yɛnim sɛ yɛte fie wɔ nipadua mu yi, yɛnte fie wɔ Awurade nkyɛn;

7 ɛfiri sɛ yɛnam gyidie mu, na ɛnyɛ anihunu so.

8 Na yɛwɔ saa awerɛhyɛmu yi, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yɛbɛfiri nipadua mu fie ha akɔtena efie wɔ Awurade nkyɛn.

9 Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yɛfiri hɔ oo, yɛbɛsɔ n’ani.

10 Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.

Suro a wɔsuro ne dɔ a wɔdɔ Kristo

11 Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso.

12 Na yɛnsane nyi yɛn ho ayɛ nkyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo deɛ monam so bɛhoahoa mo ho yɛn fam, na moanya deɛ mode bɛbua wɔn a wɔhoahoa wɔn ho nnipa anim na ɛnyɛ akoma mu.

13 Na sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛda ma mo.

14 Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; ɛfiri sɛ yɛbu atɛn sɛ, ɔbaako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.

15 Na ɔwu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte aseɛ no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no maa wɔn no.

Nkwa adwene foforɔ

16 Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.

17 Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.

18 Na yei nyinaa firi Onyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadie ama yɛn no;

19 ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, na wammu wɔn mfomsoɔ angu wɔn so, na wɔde nkabom asɛm no ahyɛ yɛn nsa.

Asomdwoeɛ ne ayɔnkofa ho kaseɛ

20 Enti yɛyɛ abɔfoɔ ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu foɔ; yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Nyankopɔn nka mmom.

21 Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

thirteen − 2 =